Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔahyehyɛ Bere a Yɛbɛwu Ato Hɔ Anaa?

Wɔahyehyɛ Bere a Yɛbɛwu Ato Hɔ Anaa?

Nea Bible ka

 Dabi. Wɔnhyehyɛɛ bere a yɛbɛwu ntoo hɔ. Bible nka biribiara a ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ nkrabea bi a wɔahyehyɛ ato hɔ ama yɛn. Mmom, ɛma yɛhu sɛ nnipa pii wɔ hɔ a nea enti a wɔwu ne sɛ “asiane to wɔn nyinaa bere a wɔnhwɛ kwan.”​—Ɔsɛnkafo 9:​11.

Ɛnyɛ Bible no ara na ɛka sɛ “owu wɔ ne bere”?

 Ampa, Ɔsɛnkafo 3:2 ka sɛ, “Awo wɔ ne bere, na owu wɔ ne bere; ɔtɛw wɔ ne bere, na nea wɔatɛw no tutu wɔ ne bere.” (Akuapem Twi Bible) Nanso, sɛ wokenkan nsɛm a ɛdi Ɔsɛnkafo 3:2 anim, ne nea ɛdi akyi a, wobɛhu sɛ nea Bible reka ho asɛm wɔ hɔ ne nneɛma a ɛsisi wɔ yɛn daa daa asetena mu. (Ɔsɛnkafo 3:​1-8) Onyankopɔn nhyɛ okuafo biara sɛ ɔnnua ade wɔ bere pɔtee bi mu, na saa ara na ɔnhyɛɛ bere a yɛn mu biara bewu ntoo hɔ. Mmom, nea na Bible reka ho asɛm wɔ ha ne sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛma nneɛma a yɛyɛ no daa daa no gye yɛn adwene ma yɛn werɛ fi yɛn Bɔfo no.​—Ɔsɛnkafo 3:​11; 12:​1, 13.

Yɛbɛtumi ama yɛn nkwa nna aware

 Ɛwom, nneɛma a yɛnhwɛ kwan tumi sisi, nanso sɛ yɛsisi gyinae pa a, yɛtumi nyin kyɛ. Bible ka sɛ: “Onyansafo mmara yɛ nkwa asuti, ɛdan onipa fi owu mfiri ho.” (Mmebusɛm 13:14) Mose nso ka kyerɛɛ Israelfo sɛ, sɛ wɔdi Onyankopɔn ahyɛde so a, wɔn ‘nna bɛware.’ (Deuteronomium 6:2) Nanso sɛ yɛyɛ nneɛma bɔne anaa yɛdi nsɛnhunu a, yɛbɛtumi atwa yɛn nkwa nna so, na yɛawu ntɛm.​—Ɔsɛnkafo 7:​17.

 Ɛwom, yɛbɛtumi ahwɛ yɛn ho yiye, nanso, yɛyɛ dɛn ara a, yɛbɛwu. (Romafo 5:​12) Ɛno nkyerɛ sɛ saa na ɛbɛkɔ so bere nyinaa. Bible hyɛ bɔ sɛ ebedu bere bi na “owu nni hɔ bio.”​—Adiyisɛm 21:4.