Timoteo Nhoma a Edi Kan 4:1-16

  • Ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ wɔ ahonhommɔne ho (1-5)

  • Nea ɛma yɛyɛ Kristo asomfo pa (6-10)

    • Apɔwmuteɛteɛ ne onyamesom pa (8)

  • Ma w’ani nku wo nkyerɛkyerɛ ho (11-16)

4  Nanso asɛm a efi honhom mu no* ka no pefee sɛ, mmere bi bɛba a ebinom bɛtwe wɔn ho afi gyidi no ho akodi nnaadaasɛm a efi honhom mu*+ ne ahonhommɔne* nkyerɛkyerɛ akyi.  Nea ɛbɛma aba saa ne sɛ wobetie nyaatwomfo a wɔka atosɛm.+ Wɔn na wɔn ahonim* awu; ɛte sɛ etwã a dade ahye obi ama abɛda ne ho.  Wɔbara aware,+ na nnuan a Onyankopɔn bɔe sɛ wɔn a wɔwɔ gyidi+ na wɔahu nokware no yiye mfa aseda nni no,+ wɔka kyerɛ nkurɔfo sɛ ɛnsɛ sɛ wodi.+  Nanso nea ɛwom ne sɛ, Onyankopɔn abɔde nyinaa ye,+ na sɛ obi da ase wɔ ho a, ɛnsɛ sɛ ɔpo biribiara,+  efisɛ Onyankopɔn asɛm ne mpae a wɔbɔ gu so no ma ɛho tew.  Sɛ wode afotusɛm yi ma anuanom no a, wobɛyɛ Kristo Yesu somfo pa, obi a wɔde nsɛm a egyina gyidi ne nkyerɛkyerɛ pa so atete no;* ɛno na woadi akyi pɛpɛɛpɛ no.+  Atosɛm a etia nneɛma kronkron, te sɛ nea mmerewa ka no, bɔ gu.+ Mmom, fa onyamesom pa si w’ani so na fa tete wo ho.  Efisɛ apɔwmuteɛteɛ so wɔ mfaso kakra de, nanso onyamesom pa so wɔ mfaso ade nyinaa mu, efisɛ ɛboa yɛn wɔ asetena mu nnɛ, na ɛbɛboa yɛn wɔ nkwa a ɛbɛba daakye no+ nso mu.  Saa asɛm no yɛ nokware, na ɛsɛ sɛ yegye tom paa. 10  Eyi nti na yɛyɛ adwumaden na yɛyere yɛn ho+ no, efisɛ yɛde yɛn ani ato Onyankopɔn teasefo no so. Ɔno na ɔyɛ nnipa ahorow nyinaa+ Agyenkwa,+ ne titiriw no, anokwafo. 11  Kɔ so fa ahyɛde ahorow yi ma na fa kyerɛkyerɛ. 12  Mma obiara mmmu aberante a woyɛ no animtiaa* da. Mmom no, yɛ nhwɛso ma anokwafo no wɔ ɔkasa, abrabɔ, ɔdɔ, gyidi, ne ahotew mu. 13  Ma w’ani nku baguam akenkan,+ afotu,* ne nkyerɛkyerɛ ho kosi sɛ mɛba. 14  Mmu w’ani ngu akyɛde a ɛwɔ wo mu no so, nea wɔnam nkɔmhyɛ so ma wunyae, bere a mpanyimfo kuw no de wɔn nsa guu wo so no.+ 15  Dwinnwen eyinom ho; fa w’adwene nyinaa si so, na ama nnipa nyinaa ahu wo nkɔso. 16  Hwɛ wo ho so yiye bere nyinaa, na ma w’ani nku wo nkyerɛkyerɛ+ ho daa. Yere wo ho yɛ eyinom, na sɛ woyɛ saa a, wubegye wo ho ne wɔn a wotie wo no nkwa.+

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “honhom no.”
Nt., “nnaadaa ahonhom.”
Anaa “adaemone.”
Anaa “tiboa.”
Anaa “ayɛn no.”
Anaa “abomfiaa.”
Anaa “nkuranhyɛ.”