Nnwom 125:1-5

  • Yehowa bɔ ne nkurɔfo ho ban

    • “Sɛnea mmepɔw atwa Yerusalem ho ahyia no” (2)

    • “Asomdwoe mmra Israel so” (5)

Dwom a Wɔde Foro Bepɔw No. Dawid dwom. 125  Wɔn a wɔde wɔn ho to Yehowa so no+Te sɛ Sion Bepɔw; wɔrenhinhim da,Na mmom wobetim hɔ daa.+   Sɛnea mmepɔw atwa Yerusalem ho ahyia no,+Saa ara na Yehowa atwa ne nkurɔfo ho ahyia+Fi nnɛ kosi daa.   Amumɔyɛfo ahempoma renni atreneefo asaase so daa+Sɛnea ɛbɛyɛ a atreneefo rennan wɔn ho* nkɔyɛ bɔne.+   O Yehowa, wo ne nnipa pa nni no yiye,+Wo ne wɔn a wɔyɛ komam teefo no nni no yiye.+   Wɔn a wɔdan kɔ akwammɔne so no,Yehowa beyi wɔne amumɔyɛfo nyinaa afi hɔ.+ Asomdwoe mmra Israel so.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “renteɛ wɔn nsa.”