Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mɛyɛ Dɛn Agyina M’awerɛhow No Ano?

Mɛyɛ Dɛn Agyina M’awerɛhow No Ano?

BERE a Mike rekaakae ne papa wu no ɔkae sɛ: “Metee nka kɛse sɛ ɛsɛ sɛ mehyɛ me ho so.” Wɔ Mike fam no, nea ɛbɛkyerɛ sɛ ɔyɛ barima ne sɛ ɔbɛhyɛ ne ho so. Nanso akyiri yi obehui sɛ ɛyɛ mfomso. Enti bere a Mike adamfo bi nanabarima wui no, na Mike nim nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Ɔka sɛ: “Sɛ ɛyɛ mfe bi a atwam a, anka mede me nsa bɛbobɔ n’abatiri aka sɛ, ‘Barima nyɛ saa.’ Nanso saa bere yi de mesoo ne nsa kae sɛ, ‘Da wo nkate adi sɛnea wopɛ biara. Ɛbɛma wo ho atɔ wo. Sɛ wopɛ sɛ mifi wo nkyɛn a, mɛyɛ saa. Sɛ wopɛ sɛ metena wo nkyɛn nso a, mɛtena nkyɛn. Nanso nsuro sɛ wobɛda wo nkate adi.’”

MaryAnne nso tee nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔhyɛ ne ho so bere a ne kunu wui no. Ɔka sɛ: “Ná nhwɛso pa a mɛyɛ ama afoforo no hia me araa ma mehyɛɛ me ho so. Nanso akyiri yi mibehui sɛ mmɔden a merebɔ sɛ mɛhyɛ me ho so de aboa afoforo no mmoa me. Mifii ase susuw me tebea no ho, na mekae sɛ, ‘Sɛ ɛsɛ sɛ wusũ a sũ. Mmɔ mmɔden sɛ wobɛhyɛ wo ho so denneennen. Da wo nkate adi na ama wo ho atɔ wo akyiri yi.’”

Enti Mike ne MaryAnne nyinaa hyɛ nyansa sɛ: Ma awerɛhow kwan! Na ɛyɛ nokware nso. Dɛn ntia? Efisɛ awerɛhodi yɛ ade titiriw a ɛde nkate fam ahotɔ ba. Wo nkate a wobɛda no adi no betumi ayi nea ɛhyɛ wo so no afi hɔ. Sɛ woda wo nkate adi ɔkwampa so, na wowɔ ntease ne nimdeɛ a edi mũ a, ɛma wudi wo nkate no ho dwuma yiye.

Nokwarem, ɛsono sɛnea obiara di awerɛhow. Na sɛ́ ebia ɔdɔfo no wuu ɔpatuwu anaasɛ ɔyaree bere tenten ansa na ɔrewu no betumi akyerɛ sɛnea wɔn a wɔaka akyi no bɛyɛ wɔn ade afa. Nanso nokwasɛm ne sɛ: Sɛ wohyɛ wo ho so a, ebetumi ahaw wo nipadua ne wo nkate. Eye mmom sɛ wobɛda wo nkate adi. Ɔkwan bɛn so? Kyerɛwnsɛm no kura afotu a mfaso wɔ so.

Awerɛhow a Wɔda no Adi—Ɔkwan Bɛn So?

Ɔkasa betumi ayɛ ɔkwampa a wɔfa so da nkate adi. Bere a tete agya Hiob mma du no nyinaa wui, na ohyiaa amanehunu afoforo no, ɔkae sɛ: “Me nkwa yɛ me kra abofono. Mɛpae mu aka me haw [Hebri, “meyi m’apinisi adi”]. Mɛkasa me kra awerɛhow mu!” (Hiob 1:2, 18, 19; 10:1) Ná Hiob ntumi nhyɛ n’apinisi so bio. Ná ɛho hia sɛ oyi no adi; na ɛsɛ sɛ ‘ɔkasa.’ Saa ara na Engiresini nhoma kyerɛwfo Shakespeare kyerɛwee wɔ Macbeth mu sɛ: “Ma awerɛhow nkasa; awerɛhow a ɛnkasa no bubu koma no komm.”

Enti wo nkate a wobɛka ho asɛm akyerɛ “ɔyɔnko berɛbo” bi a obefi ayamye ne mmɔborohunu mu atie wo no betumi ama woanya ahotɔ kakra. (Mmebusɛm 17:17) Osuahu ne nkate ahorow a wɔka ho asɛm kyerɛ obi no taa ma ɛyɛ mmerɛw sɛ ɔbɛte ase na wadi ho dwuma. Na sɛ nea otie wo no yɛ obi a ɔno nso ho nipa bi awu ma watumi adi n’awerɛhow no so a, wubetumi anya nyansahyɛ a mfaso wɔ so a wode begyina ano. Bere a ɔbea bi ba wui no, ɔkyerɛɛ nea enti a onyaa mfaso fii ɔbea foforo a na ɔno nso ba awu a ɔne no kasae mu sɛ: “Hu a mihui sɛ onipa foforo ahyia tebea koro no ara, atumi agyina mu, na ɔda so bɔ ne ho mmɔden tena ase no hyɛɛ me den kɛse.”

Bible nhwɛso ahorow da no adi sɛ kyerɛw a wobɛkyerɛw sɛnea wote nka ato hɔ no betumi aboa wo ma woada w’awerɛhow adi

Na sɛ ɛyɛ wo den sɛ wobɛka wo nkate ho asɛm nso ɛ? Bere a Saul ne Yonatan wui no, Dawid yɛɛ kwadwom a ɛyɛ awerɛhow yiye de daa ne nkate adi. Saa kwadwom yi bɛyɛɛ Samuel Nhoma a Ɛto so Abien a wɔakyerɛw ato hɔ wɔ Bible mu no fã. (2 Samuel 1:17-27; 2 Beresosɛm 35:25) Saa ara na ɛyɛ ebinom mmerɛw sɛ wɔbɛkyerɛw nea ɛhaw wɔn. Ɔbea kunafo bi bɔɔ amanneɛ sɛ na ɔkyerɛw sɛnea ɔte nka to hɔ na nna bi akyi no wakenkan nea wakyerɛw ato hɔ no. Eyi boaa no ma onyaa ahotɔ.

Wo nkate a wonam ɔkasa anaa akyerɛw so bɛda no adi no betumi aboa wo ma woada w’awerɛhow no adi. Ebetumi aboa nso ma moasiesie akasakasa. Ɔbea bi a ne ba awu ka sɛ: “Ná me ne me kunu ate awarefo afoforo a wɔn ba wu akyi no, wogyaee aware ho asɛm, na na yɛmpɛ sɛ ebi bɛto yɛn. Enti bere biara a yɛn bo befuw a obiara pɛ sɛ ɔde asodi no to ne yɔnko so no, yɛbɔ asɛm no ho nkɔmmɔ. Misusuw sɛ saa a yɛyɛe no maa yɛn abusuabɔ no mu yɛɛ den.” Enti, wo nkate a wobɛda no adi no bɛma woate ase sɛ ɛwom sɛ ebia mo nyinaa na moahwere ade de, nanso ɛsono sɛnea obiara di ho awerɛhow—ɛsono ɔkwan a obiara fa so, ne bere tenten a ɔde yɛ saa.

Ade foforo a ebetumi aboa ma obi ho atɔ no ntɛm ne osũ. Bible se “osũ wɔ ne bere.” (Ɔsɛnkafo 3:1, 4) Akyinnye biara nni ho sɛ saa bere no ne bere a obi a yɛdɔ no awu. Ɛda adi sɛ nusu a obi tew no ho hia na ne ho atɔ no.

Ababaa bi kyerɛ sɛnea n’adamfo paa bi boaa no ma otumi gyinaa ne maame wu ano. Ɔka sɛ: “M’adamfo no de ne ho bɔɔ afɔre maa me. Ɔne me boom sui. Ɔne me kasae. Mitumi daa me nkate adi sɛnea mepɛ biara, na na ɛno hia me. Ná ɛnyɛ me aniwu sɛ mesu.” (Hwɛ Romafo 12:15.) Saa ara na ɛnsɛ sɛ ɛyɛ wo aniwu sɛ wubesu. Sɛnea yɛahu no, mmarima ne mmea agyidifo a wofi awerɛhow mu sui wɔ baguam a anyɛ wɔn aniwu—a Yesu Kristo ka ho—ho nhwɛso ayɛ Bible no mu ma.—Genesis 50:3; 2 Samuel 1:11, 12; Yohane 11:33, 35.

Wɔ ɔman biara mu no, nnipa a wɔredi awerɛhow ani gye sɛ wobenya awerɛkyekye

Ebetumi aba sɛ ɛtɔ mmere bi a, wo nkate betumi asakrasakra. Nusu betumi agu wo bere a wonhwɛ kwan. Okunafo bi hui sɛ na nnuan a ɔkɔtoto (biribi a na ɔtaa ne ne kunu yɛ) tumi ma osũ, titiriw sɛ ne werɛ fi ne ho na ɔkɔfa aduan bi a na ne kunu pɛ a. Nya wo ho koma. Na ɛnte nka sɛ ɛsɛ sɛ wusiw nusu no kwan. Kae sɛ ɛka awerɛhodi ho, na ɛho hia.

Afobu ho Dwumadi

Sɛnea yɛaka ho asɛm dedaw no, ebinom te afobu nka bere a obi a wɔdɔ no awu no. Eyi betumi aboa yɛn ma yɛate awerɛhow kɛse a ɔnokwafo Yakob dii bere a wɔdaadaa no ma obegye dii sɛ “aboa bi” akyere ne ba Yosef no ase. Ɛyɛ Yakob ankasa na ɔsomaa Yosef sɛ ɔnkɔhwɛ sɛnea ne nuanom no ho te. Enti ɛda adi sɛ na Yakob te afobu nka te sɛ ‘Dɛn nti na memaa Yosef nkutoo kɔe? Dɛn nti na mesomaa no kɔɔ beae a mmoa bɔne pii wɔ?’—Genesis 37:33-35.

Ebia wote nka sɛ anibiannaso a woyɛe ka ho na wo dɔfo no wui. Hu a wubehu kɛkɛ sɛ afobu nka a obi te—wɔ mfomso bi a ɔyɛe ankasa anaa nea osusuw sɛ ɔyɛe ho—no yɛ awerɛhodi fã a mfomso nni ho no betumi aboa. Ɛha nso, ɛnsɛ sɛ wode saa nkate no sie. Afobu nka a wote a wobɛka ho asɛm no betumi ama wo ho atɔ wo kɛse.

Nanso, hu sɛ ɛmfa ho sɛnea yɛdɔ obi no, yentumi nhwɛ ne nkwa so na saa ara na yentumi mma no nkwati “asiane.” (Ɔsɛnkafo 9:11) Afei nso akyinnye biara nni ho sɛ na wunni adwemmɔne biara. Sɛ́ nhwɛso no, so dɔkta hɔ a wɔamfa no anu ntɛm no kyerɛ sɛ na wopɛ sɛ nea wodɔ no no yare mu yɛ den na owu? Ɛnte saa koraa! Ɛnde so wo na womaa onii no wui ankasa? Dabi.

Bere a ɔbea bi babea wui wɔ kar akwanhyia mu no, ohuu sɛnea obedi afobu nka a ɔtee no ho dwuma. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “M’ahonim buu me fɔ sɛ mesomaa no. Nanso mibehui sɛ ntease nnim sɛ mete nka saa. Ná mfomso biara nnim sɛ mɛma ɔne ne papa apue akɔtotɔ nneɛma bi. Ɛyɛ akwanhyia a ɛyɛ hu kɛkɛ na wohyiae.”

Ebia wobɛka sɛ, ‘Nanso nneɛma pii wɔ hɔ a me yam a, anka mekae anaa meyɛe.’ Ɛyɛ nokware, nanso yɛn mu hena na obetumi aka sɛ ɔyɛ agya, ɛna, anaa abofra a ɔyɛ pɛ? Bible no kae yɛn sɛ: “Yɛn nyinaa di mfomso mpɛn pii. Sɛ obi nni mfomso wɔ kasa mu a, ɛkyerɛ sɛ saa onipa no yɛ pɛ.” (Yakobo 3:2; Romafo 5:12) Enti gye tom sɛ wonyɛ pɛ. Dwen a wubedwen sɛ “mihui a anka meyɛɛ sɛɛ anaa sɛɛ” no nsakra biribiara, mmom ebetumi ama awerɛhow no atena hɔ akyɛ.

Sɛ wugye di paa sɛ wo mfomso bi nti na ɛbaa saa a, ɛnde susuw ade a ɛkyɛn so a eyi afobu nkate fi hɔ no ho—Onyankopɔn fafiri. Bible no ma yɛn awerɛhyem sɛ: “O Yah, sɛ mfomso na wohwɛ a, O Yehowa, anka hena na obegyina? Wo na fafiri wɔ wo nsam.” (Dwom 130:3, 4) Wuntumi nsakra biribiara a atwam. Nanso, wubetumi asrɛ Onyankopɔn hɔ fafiri wɔ mfomso a atwam ho. Afei dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Sɛ Onyankopɔn hyɛ bɔ sɛ ɔbɛpopa wo mfomso a woayɛ atwam a, so ɛnsɛ sɛ w’ankasa wode firi wo ho?—Mmebusɛm 28:13; 1 Yohane 1:9.

Abufuw ho Dwumadi

So ebetumi aba sɛ wo bo nso afuw dɔktafo, ayarehwɛfo, nnamfo, anaa nea wawu no mpo? Hu sɛ eyi nso yɛ awerɛhodi no fã. Ebia wo werɛ a ahow no na ama wo bu afuw. Nhoma kyerɛwfo bi kae sɛ: “Hu a wubehu abufuw—ɛnyɛ sɛ wobɛda no adi, na mmom wubehu sɛ saa na wote nka—no nkutoo na ɛbɛma woade wo ho afi ɔhaw a ɛde ba no ho.”

Mfaso nso betumi aba so sɛ wobɛka w’abufuw no ho asɛm akyerɛ afoforo. Ɔkwan bɛn so? Ɛda adi sɛ ɛnyɛ ɔkwan a obi ntumi mpata wo so. Bible bɔ kɔkɔ sɛ asiane wɔ abufuw a ɛtena hɔ kyɛ mu. (Mmebusɛm 14:29, 30) Nanso wubetumi anya awerɛkyekye afi w’adamfo bi a ɔwɔ ntease a wobɛka akyerɛ no mu. Na ebinom hu sɛ adwumaden a wɔbɛyɛ bere a wɔn bo afuw no boa ma abufuw no kɔ.—Hwɛ Efesofo 4:25, 26 nso.

Bere a ɛho hia sɛ wufi nokwaredi mu da wo nkate adi no, ahwɛyiye ho hia. Ɛsono nkate a wɔka ho asɛm kyerɛ afoforo, ɛna ɛsono nkate a wɔda no adi tia afoforo. Ɛho nhia sɛ wununu afoforo wɔ w’abufuw ne w’abasamtu no ho. Enti hwɛ hu sɛ wobɛka sɛnea wote nka akyerɛ afoforo, nanso ɛnyɛ abufuw kwan so. (Mmebusɛm 18:21) Ade biako wɔ hɔ a ɛboa ma wotumi gyina awerɛhow ano korakora, na ɛno na yebesusuw ho seesei.

Onyankopɔn Hɔ Mmoa

Bible no ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Yehowa bɛn wɔn a wɔn koma abubu; ogye wɔn a wɔn honhom abotow.” (Dwom 34:18) Yiw, nea ɛho hia sen biara no, abusuabɔ a wo ne Onyankopɔn benya no betumi aboa wo ma woagyina obi a wodɔ no wu ano. Ɔkwan bɛn so? Nyansahyɛ ahorow a mfaso wɔ so a besi saa bere yi yɛde ama no nyinaa gyina Onyankopɔn Asɛm Bible so anaa ɛne no hyia. Ɛnonom a wode bedi dwuma no betumi aboa wo ma woagyina ano.

Nea ɛka ho no, emmu mfaso a ɛwɔ mpaebɔ so no adewa. Bible no hyɛ yɛn sɛ: “Dan w’adesoa to Yehowa so, na obeso wo mu.” (Dwom 55:22) Sɛ ka a wobɛka sɛnea wote nka akyerɛ w’adamfo a ɔwɔ tema no betumi aboa wo a, mpɛn ahe na nea ɛwɔ wo koma mu a wobɛda no adi akyerɛ “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn” no remmoa wo!—2 Korintofo 1:3.

Ɛnyɛ sɛ mpaebɔ ma yenya ahotɔ kɛkɛ. “Mpaebɔ Tiefo” no hyɛ bɔ sɛ ɔde honhom kronkron bɛma n’asomfo a wofi nokwaredi mu bisa. (Dwom 65:2; Luka 11:13) Na Onyankopɔn honhom kronkron anaa n’adeyɛ tumi no betumi ama wo “tumi a ɛboro onipa de so” ma wode atena ase da biara. (2 Korintofo 4:7) Kae: Onyankopɔn betumi aboa n’asomfo anokwafo ma wɔagyina ɔhaw biara a ebia wobehyia ano.

Ɔbea bi a ne ba wui kae sɛnea mpaebɔ boaa ɔne ne kunu ma wotumi gyinaa adehwere no ano. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ yɛwɔ fie anadwo na sɛ awerɛhow no hyɛ yɛn so dodo a, yɛbom bɔ mpae denneennen. Biribiara a yɛyɛɛ no nea edi kan a na abofra no nka yɛn ho—asafo nhyiam a edi kan a yɛkɔe, nhyiam kɛse a edi kan a yɛkɔe—no, yɛbɔɔ mpae srɛɛ ahoɔden. Sɛ yɛsɔre anɔpa na sɛ adehwere no hyɛ yɛn so a, yɛbɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa yɛn. Biribi nti, na ɛyɛ me den yiye sɛ me nkutoo mɛkɔ fie. Enti sɛ mereba fie bere biara a, nea meyɛ ara ne sɛ mebɔ Yehowa mpae sɛ mesrɛ no ɔmma minni me ho so sɛnea ɛsɛ.” Sɛnea ɛfata no, saa ɔbea nokwafo no wɔ gyidi a emu yɛ den sɛ saa mpae a ɔbɔe no boaa no. Wo nso wubetumi anya mpae a wobɔ no daa ho mmuae ma ‘Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so no abɔ wo koma ne w’adwene nsusuwii ho ban.’—Filipifo 4:6, 7; Romafo 12:12.

Mmoa a Onyankopɔn de ma no de nsakrae ba ankasa. Kristoni somafo Paulo kae sɛ Onyankopɔn ‘ɔkyekye yɛn werɛ yɛn ahohia nyinaa mu, nea ɛbɛyɛ a yɛn nso, yebetumi akyekye wɔn a wɔwɔ ahohia biara mu no werɛ.’ Ampa, ɔsoro mmoa nyi awerɛhow no mfi hɔ, nanso etumi ma ɛyɛ mmerɛw sɛ wubegyina ano. Ɛno nkyerɛ sɛ wunsũ bio anaa wo werɛ befi nea wodɔ no no. Nanso wo ho betumi atɔ wo. Na sɛ wo ho tɔ wo a, osuahu a woanya no betumi aboa wo ma wode ntease ne tema kɛse aboa afoforo ma wɔagyina adehwere a ɛte saa ara ano.—2 Korintofo 1:4.