Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NSƐM A WƆBISABISA | ANTONIO DELLA GATTA

Nea Ɛmaa Ɔsɔfoɔ Bi Gyaee N’asɔre

Nea Ɛmaa Ɔsɔfoɔ Bi Gyaee N’asɔre

BERƐ a Antonio Della Gatta de mfie nkron suaa adeɛ wɔ Rome wieeɛ no, wɔhyɛɛ no sɔfoɔ afe 1969 mu. Akyire yi, ɔkɔhwɛɛ asɔfoɔ sukuu bi so wɔ Naples mpɔtam wɔ Italy. Saa berɛ no ɔgyee berɛ suaa adeɛ dwendwenee ho, na ɔbɛhuu sɛ Katolekfoɔ nkyerɛkyerɛ nnyina Bible so. Nyan! twerɛfoɔ ne no twetwee nkɔmmɔ faa ne som ho.

Ɛhe na wofiri?

Wɔwoo me wɔ Italy afe 1943 mu. Ná me ne me nuanom ne yɛn papa te akuraa bi ase, na na me papa yɛ kapentani a ɔsan yɛ kua. Na yɛn awofoɔ yɛ Katolekfoɔ mapa, enti wɔde tetee yɛn.

Dɛn na ɛkaa wo ma wobɛyɛɛ ɔsɔfoɔ?

Berɛ a meyɛ abarimaa no, sɛ mehu sɛ asɔfoɔ gyina hɔ rekyerɛkyerɛ a, na ɛyɛ me fɛ. Nea na ɛku me koraa ne sɛnea wɔkasa ne sɛnea wɔyɛ wɔn amanneɛ ahodoɔ no. Enti mebɔɔ me tirim sɛ daakye mɛyɛ ɔsɔfoɔ. Medii mfie 13 no, me maame de me kɔtoo sukuu bi mu. Na sukuu no tete mmarimaa ma wɔbɛyɛ asɔfoɔ.

Baabi a wɔtetee wo no, na mosua Bible?

Na yɛnhyɛ da nsua. Berɛ a medii mfie 15 no, me tikya bi bɛkyɛɛ me Bible no fã bi a Yesu asetena ne ne som ho nsɛm wom. Mekenkan no mpɛn pii. Medii mfie 18 no, mekɔsuaa adeɛ wɔ Katolek suapɔn ahodoɔ mu wɔ Rome. Pope na na ɔhwɛ suapɔn no so. Mesuaa Latin, Greek, abakɔsɛm, nyansapɛ, nnipa adwene ho nsɛm, ne nyamekyerɛ. Ná yɛakye Bible mu nsɛm bi agu yɛn tirim a yɛtaa ka, na ɛdu Kwasiada na wɔyɛ asɔre a, wɔkenkan Bible ma yɛte bi. Nanso yɛanhyɛ da ansua Bible no.

Wobɛhwɛɛ asɔfoɔ sukuu so. Ɛnneɛ na adekyerɛ ka w’adwuma ho?

Ná m’adwuma ankasa ne sɛ mɛhwɛ atoto nneɛma wɔ sukuu no mu. Nanso ɛtɔ da a, na mekyerɛ sukuufoɔ no mmara a Vatican Badwa a Ɛto so Mmienu hyehyɛeɛ no.

Woyɛɛ dɛn huu sɛ asɛm wɔ asɔre no nkyerɛkyerɛ ho?

Na nneɛma mmiɛnsa bi ha me. Na asɔre no de ne ho hyɛ amanyɔsɛm mu. Wɔmaa kwan maa asɔfoɔ ne asɔremma buu bra biara a wɔpɛ. Afei mehuu sɛ Katolekfoɔ nkyerɛkyerɛ bi mfa kwan mu. Na mebisa me ho sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na ɔdɔ Onyankopɔn atwe abɔnefoɔ aso daa berɛ a wɔawu? Enti Onyankopɔn pɛ sɛ berɛ biara a yɛbɛbɔ mpae no, yɛse roso anaa?” *

Ɛnneɛ dɛn na woyɛeɛ?

Mede nisuo ne nkotɔsrɛ kɔɔ Onyankopɔn anim. Afei nso metɔɔ Katolekfoɔ Jerusalem Bible foforɔ a wɔtintimii wɔ Italia kasa mu no bi, na mefirii aseɛ kenkanee. Kwasiada anɔpa bi a mapɔn Mass de m’atadeɛ resɛn hɔ no, mmarima mmienu bi bɛpuee hɔ. Wɔkaa sɛ wɔyɛ Yehowa Adansefoɔ. Yɛn ani baa yɛn ho so no, na yɛabɔ Bible mu nkɔmmɔ bɛboro dɔnhwere baako. Wɔkyerɛɛ me nea ɛbɛma mahu nokorɛ som.

Wohuu ahɔhoɔ no sɛn?

Mehuu sɛ wɔnim nea wɔreka, na na ɛnyɛ den mma wɔn sɛ wɔne me bɛsusu nsɛm ho afiri Katolek Bible no mu. Nokwasɛm nie, me ho dwirii me paa. Akyire yi, Ɔdansefoɔ foforɔ a ne din de Mario bɛsraa me. Na ɔwɔ me ho aboterɛ, na Memeneda anɔpa biara, nsuo retɔ oo, awia rebɔ oo, nnɔnkron bɛbɔ no, na ɔgyina pon ano rebɔ mu.

Asɔfoɔ a wɔaka no nso ɛ, dɛn na wɔyɛeɛ?

Mekaa sɛ wɔmmɛtie nkɔmmɔ no bi, nanso na wɔmmu no aniberesɛm. Nanso me deɛ, na memfa Bible adesua no nni agorɔ. Mesuaa nneɛma pii. Mebɛhuu nea enti a Onyankopɔn ama kwan ma nsɛmmɔnedie ne amanehunu rekɔ so. Saa berɛ no, na wei yɛ biribi a ɛkyere m’adwene.

Wo mpanimfoɔ no anyɛ biribi a ɛbɛma woagyae Bible no sua?

Afe 1975 mu no, mekɔɔ Rome mpɛn pii kɔkyerɛɛ m’adwene wɔ nsɛm ho. Me mpanimfoɔ no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛsesa m’adwene, nanso wɔn mu biara amfa Bible anni dwuma. Afei January 9, 1976 no, metwerɛ kɔmaa me mpanimfoɔ a wɔwɔ Rome no sɛ magyae Katolek Asɔre no. Nnanu akyi no mefirii sukuu mu hɔ, na mefaa keteke kɔɔ Yehowa Adansefoɔ nhyiamu. Na asafo ahodoɔ na ahyiam, na wei ne berɛ a edi kan koraa a mekɔɔ wɔn nhyiamu. Nea ɛkɔɔ so wɔ hɔ nyinaa yɛ me ade foforɔ! Mehuu sɛ Adansefoɔ no nyinaa kurakura Bible, na sɛ ɔkasafoɔ bi bɔ twerɛsɛm a, na wɔn nyinaa abue.

Dɛn na w’abusuafoɔ kaeɛ?

Wɔn mu pii sɔre tiaa me paa. Nanso na me nuabarima bi ne Yehowa Adansefoɔ resua adeɛ wɔ Lombardy wɔ Italy atifi fam. Enti mekɔɔ ne nkyɛn, na Adansefoɔ a wɔwɔ hɔ boa ma menyaa dan ne adwuma. Saa afe no ara mu na mebɔɔ asu bɛyɛɛ Yehowa Danseni.

Afei paa na mahu sɛ mabɛn Onyankopɔn

Woanu wo ho anaa?

Dabida! Afei paa na mahu sɛ mabɛn Onyankopɔn. Efisɛ nea menim fa ne ho no gyina Bible so na ɛnyɛ nyansapɛ anaa asɔre atetesɛm. Seesei metumi de ahotɔsoɔ ka Onyankopɔn ho asɛm kyerɛ afoforɔ.

^ nky. 13 Bible no bua nsɛmmisa yi ne afoforɔ pii. Hwɛ BIBLE NKYERƐKYERƐ > BIBLE NSƐMMISA HO MMUAE.