Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hwehwɛ

Hwehwɛ

Twe Bi:

  1. 1. Nokware kwan na yɛhwehwɛ.

    Ama yekyin ɔsom pii mu.

    Nsɛmmisa bebree wɔ yɛn koma mu.

    Ɛno na yɛhwehwɛ mu.

    (NNYESO NNIANIM)

    Yɛpre kɔɔ y’anim, akwantu yi mu.

    Nokware ho sukɔm dee yɛn, enti yɛampa ‘ba.

    (NNYESO)

    Ampa, nokware kwan no,

    Yɛhwehwɛ ho nimdeɛ.

    Yɛnte nneɛma pii ase nnɛ

    Onipa nkwa fi he? Adɛn nti na yehia Nyankopɔn Ahenni?

    Yɛpɛ sɛ yehu.

  2. 2. Nyankopɔn wɔ din. Ná yennim da.

    Yɛabehu ne din no: “Yehowa.”

    Nea yɛhwehwɛ, afei yɛahu.

    Nokware no ni, ampa.

    (NNYESO NNIANIM)

    Yɛpre kɔɔ y’anim, akwantu yi mu.

    Yɛabenya gyidi kɛse wɔ Nyankopɔn bɔhyɛ mu.

    (NNYESO)

    Ampa, nokware kwan no,

    Yɛabenya ho nimdeɛ.

    Yɛate nneɛma pii ase nnɛ.

    Yɛn nkwa fi Nyankopɔn. N’ahenni mu, ɔbɛyɛ wiase no Paradise.

    Hwehwɛ, wubehu.

    (BRIDGE)

    Afei de hokwan aba. Yɛbɛboa afof’ro

    Ma wɔahu nokware no.

    Yɛkyerɛ wɔn ma wɔbɛn Nyankopɔn.

    Ɛbɛma wɔade wɔn ho.

    Na wobenya anigye daa.

    (NNYESO)

    Ampa, nokware kwan no.

    Ebinom rehwehwɛ.

    Wɔnte nneɛma pii ase nnɛ.

    Onipa nkwa fi he? Dɛn na yɛbɛyɛ na yɛatumi anya nkwa?

    Hwehwɛ, wubehu.