Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bere Bi Bɛba a Ahiafo Ne Asikafo Nyinaa Bɛyɛ Pɛ?

Bere Bi Bɛba a Ahiafo Ne Asikafo Nyinaa Bɛyɛ Pɛ?

 Wokɔ aman pii so a, wubehu sɛ nkurɔfo ate wɔn ho agu mmɔnten so reyɛ ɔyɛkyerɛ. Wɔn asɛm ara ne sɛ, ɔman a wɔte mu no, ɛba sikasɛm a, ebi te yiye, ebi nte yiye. Nea asɛe asɛm no koraa ne COVID-19 yareɛ kodiawuo a abɛbom no. Ama asetena afono nkurɔfo, efisɛ yare no nti nkurɔfo tenaa fie, nneɛma ho yɛɛ den, na sɛ obi yare mpo a, onnya ayaresabea nkɔ. Weinom nyinaa ama ahiafo hia adɔɔso na asikafo sika adɔɔso.

 Sɛnea sika ho ayɛ den a akɔfa ahokyere abɛsoɛ nnipa so yi, wohwɛ a ɛto betwa? Aane ɛto betwa. Ɔhaw a abɛtɔ yɛn so no, Bible ma yehu nea Onyankopɔn bɛyɛ de ayi afi hɔ.

Sikasɛm mu ahokyere a Onyankopɔn beyi afi hɔ

 Ɔhaw: Nnipa ntumi nyɛɛ sikasɛm ho ntotoe a ɛma obiara nya nea ohia.

 Ano aduru: Onyankopɔn beyi nnipa aban nyinaa afi hɔ, na ɔde n’aban aba. N’aban no, yɛfrɛ no Onyankopɔn Ahenni. Saa aban no wɔ soro, nanso ebedi asaase nyinaa so.—Daniel 2:44; Mateo 6:10.

 Nea ebefi mu aba: Onyankopɔn aban no bedi wiase nyinaa so, na ɛbɛtoto biribiara pɛpɛɛpɛ wɔ asaase so. Enti ɛremma da sɛ nkurɔfo bedi hia anaasɛ sika ho adwennwene bɛba abɛtɔ wɔn so. (Dwom 9:7-9, 18) Nea ɛbɛba ne sɛ wobedi wɔn nsa ano adwuma, na wɔne wɔn mmusua benya asetena pa ama wɔn ani agye. Bible ahyɛ bɔ sɛ: “Wobesisi adan atena mu, na wɔayeyɛ bobefuw adi mu aba. Wɔrensisi adan mma obi foforo mmɛtena mu, na wɔrennua mma obi mmedi.”—Yesaia 65:21, 22.

 Ɔhaw: Nnipa ntumi nkwati nneɛma a ɛde amanehunu ne ohia ba.

 Ano aduru: Biribiara a ɛma yɛbɔ hu na ɛde adwennwene bɛto yɛn so no, Onyankopɔn de N’ahenni no beyi afi hɔ.

 Nea ebefi mu aba: Sɛ Onyankopɔn di yɛn so a, ɛremma da sɛ nneɛma a ehia nnipa ne wɔn mmusua bɛbɔ wɔn wɔ asetena mu. Biribi te sɛ akokoakoko, ɔkɔm, ne nsanyareɛ kodiawuo nyinaa befi hɔ. (Dwom 46:9; 72:16; Yesaia 33:24) Onyankopɔn se: “Me manfo bɛtena asomdwoe tenabea, ahotɔ fi, ne kommyɛ ahomegyebea.”—Yesaia 32:18.

 Ɔhaw: Pɛsɛmenkominyafo ne adefudepɛfo taa didi nkurɔfo ho.

 Ano aduru: Nnipa a Onyankopɔn Ahenni no bedi wɔn so no, obiara beyi ne yam adɔ ne yɔnko asen ɔno ara ne ho mpo.—Mateo 22:37-39.

 Nea ebefi mu aba: Onyankopɔn Ahenni no ba a, obiara benya Nyankopɔn dɔ no bi, na saa ɔdɔ no deɛ, “ɛnhwehwɛ nea ɔno nko ara hia.” (1 Korintofo 13:4, 5) Bible ka sɛ: “Wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio wɔ me bepɔw kronkron no nyinaa so, efisɛ Yehowa a ho nimdeɛ bɛyɛ asaase so ma sɛnea nsu kata po so no.”—Yesaia 11:9.

 Bible ma yehu sɛ yɛte wiase yi awieibere mu pɛɛ, na ɛrenkyɛ biara, Onyankopɔn bedi ne bɔhyɛ so na wama sikasɛm mu ahokyere afi hɔ. b (Dwom 12:5) Bere a yɛretwɛn sɛ sikasɛm mu ahokyere befi hɔ no, Bible mu afotusɛm betumi aboa wo, na sɛ seesei wo sikasɛm nkɔ yiye a, woahu nea wobɛyɛ. Wubenya saa afotusɛm no bi wɔ saa asɛm yi mu: “Wobu Sika Sɛn?”

a Bible ma yehu sɛ Onyankopɔn din de Yehowa.—Dwom 83:18.

b Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea enti a wubetumi agye Bible no adi a, hwɛ asɛm a yɛato din “Bible—Ɛyɛ Nhoma a Emu Nsɛm Yɛ Nokware.”