Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 27

“Fa W’ani To Yehowa So”

“Fa W’ani To Yehowa So”

“Fa w’ani to Yehowa so; nya akokoduru na ma wo bo nyɛ duru.”—DW. 27:14.

DWOM 128 Gyina Mu Kosi Awiei

NEA YƐREBESUA *

1. (a) Anidaso bɛn na Yehowa ama yɛanya? (b) Sɛ Bible ka sɛ “fa w’ani to Yehowa so” a, dɛn na ɛkyerɛ? (Hwɛ “Asɛm Bi Mu Nkyerɛkyerɛmu” no.)

 YEHOWA ama wɔn a ɛdɔ no nyinaa anya anidaso papa bi. Ɛrenkyɛ obetu yare, awerɛhow ne owu ase. (Adi. 21:3, 4) Ɔbɛboa “ahobrɛasefo” a wɔde wɔn ani to ne so no ma wɔadan asaase yi paradise. (Dw. 37:9-11) Seesei yɛne Yehowa wɔ ayɔnkofa a edi mu. Nanso saa bere no, ayɔnkofa a ɔbɛma yɛne no anya de, ɛbɛyɛ krabɛhwɛ. Wei ne anidaso papa paa no! Nanso dɛn na yebetumi agyina so agye adi sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ nyinaa bɛba mu? Yehowa ne Ɔseadeɛyɔ no, enti yebetumi de yɛn ‘ani ato no so.’ * (Dw. 27:14) Sɛ yɛde anigye ne ntoboase twɛn Onyankopɔn kosi sɛ ɔbɛma ne bɔhyɛ nyinaa aba mu a, ɛkyerɛ sɛ, yɛde yɛn ani ato Yehowa so.—Yes. 55:10, 11.

2. Dɛn na Yehowa ayɛ dedaw?

2 Yehowa ama ada adi dedaw sɛ odi ne bɔhyɛ so. Ɛho nhwɛso baako a ɛyɛ nwonwa ni. Yɛhwɛ Adiyisɛm nhoma no mu a, Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ yɛn bere yi so no, ɔbɛboaboa nnipa a wofi aman ne mmusuakuw ne kasa nyinaa mu ano ama wɔde baakoyɛ asom Onyankopɔn. Ɛnnɛ, saa nnipakuw soronko yi na wɔfrɛ wɔn “nnipakuw kɛse” no. (Adi. 7:9, 10) Ɛwom, saa nnipakuw yi mufo yɛ mmarima, mmea ne mmofra a wofi wiase afanan nyinaa, nanso wɔte sɛ abusua baako a asomdwoe ne baakoyɛ wɔ wɔn ntam. (Dw. 133:1; Yoh. 10:16) Nnipakuw kɛse yi mufo yɛ asɛmpakafo a wɔbɔ wɔn ho mmɔden paa. Wiase papa bi a wɔn ani da so no, obiara a ɔpɛ sɛ ɔte ho asɛm no, bere nyinaa wɔayɛ krado sɛ wɔbɛka bi akyerɛ no. (Mat. 28:19, 20; Adi. 14:6, 7; 22:17) Sɛ woka nnipakuw kɛse no ho a, ɛda adi sɛ saa anidaso no som bo ma wo paa.

3. Satan botae ne sɛn?

3 Ɔbonsam mpɛ sɛ wugye di sɛ daakye papa bi wɔ hɔ. Ne botae ne sɛ ɔbɛma woagye adi sɛ Yehowa nnwen wo ho, na ɔrenni ne bɔhyɛ so. Sɛ Satan tumi ma yenya adwene sɛ daakye papa biara nni hɔ a, yɛn abam bebu, na ebi mpo a yebegyae Yehowa som. Sɛnea yebehu no, Ɔbonsam bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɛe anidaso a Hiob wɔ no, sɛnea ɛbɛyɛ a obegyae Yehowa som.

4. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu? (Hiob 1:9-12)

4 Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ akwan a Satan faa so sɛ ɔbɛyɛ ara ma Hiob adan n’akyi akyerɛ Yehowa. (Kenkan Hiob 1:9-12.) Afei nso, yɛbɛhwɛ nea yebetumi asua afi Hiob nhwɛso no mu, ne nea enti a ehia sɛ yɛkae sɛ, Yehowa dɔ yɛn na ɔbɛma ne bɔhyɛ nyinaa aba mu.

SATAN BƆƆ MMƆDEN SƐ ƆBƐSƐE HIOB ANIDASO

5-6. Nsɛm bɛn na ɛtotoo Hiob wɔ bere tiaa bi mu?

5 Ná Hiob te yiye paa. Ná ɔne Yehowa nso ntam yɛ kama. Ná ɔwɔ abusua kɛse a baakoyɛ wom, na na ɔwɔ sika paa. (Hiob 1:1-5) Nanso, da koro pɛ, ɛkame ayɛ sɛ Hiob biribiara fii ne nsa. Nea edi kan, n’agyapade nyinaa fii ne nsa. (Hiob 1:13-17) Afei ne mma a ɔdɔ wɔn nyinaa wuwui. Wo de, dwen saa awerɛhosɛm yi ho hwɛ. Sɛ awofo bi ba baako mpo wu a, hwɛ sɛnea ebubu wɔn fa. Enti, wohwɛ a, bere a Hiob ne ne yere tee sɛ dan adwiriw agu wɔn mma du no nyinaa so ama wɔawuwu no, wɔbɛte nka sɛn? Ɛbɛyɛ sɛ wɔn yam hyee wɔn, wɔn werɛ howee, na wɔn adwene tu frae. Ɛnyɛ nwonwa sɛ awerɛhow nti Hiob suan n’ataade mu, na ɔde n’anim butuw fam!—Hiob 1:18-20.

6 Afei, Satan maa animguase-yare yayaayaw bi bɔɔ Hiob. (Hiob 2:6-8; 7:5) Ansa na wei resi no, na Hiob kuromfo bu no paa. Ná nkurɔfo begye afotu wɔ ne hɔ. (Hiob 31:18) Nanso, seesei de, na wɔmfa no nyɛ hwee. Ne nuanom, ne nnamfo paa, ne ɔno ara ne nkoa mpo yii ne baako hyɛɛ ne nsa!—Hiob 19:13, 14, 16.

Ɔhaw ahorow a Hiob hyiae ne sɛnea ɔtee nka no, ɛnnɛ, yɛn nuanom Kristofo pii abɛte ase (Hwɛ nkyekyɛm 7) *

7. (a) Ná Hiob adwene yɛ no sɛ hena na wama ɔrehu amane, nanso dɛn na wanyɛ? (b) Sɛn na Kristoni betumi ahyia sɔhwɛ a ɛte sɛ nea yehu wɔ mfoni yi mu no?

7 Ná Satan pɛ sɛ Hiob gye di sɛ Yehowa bo afuw no nti na ɔrehu amane no. Wo de hwɛ, ofie a na Hiob mma du no nyinaa ahyia wɔ hɔ redidi no, Satan maa mframa kɛse bi bɔe, na edwiriw gui. (Hiob 1:18, 19) Afei nso, ɔmaa ogya fii soro bɛhyew Hiob nyɛmmoa ne ne nkoa a na wɔrehwɛ mmoa no. (Hiob 1:16) Ɛnam sɛ mframa ne ogya no fi soro na ɛbae nti, Hiob adwene yɛɛ no sɛ ɛbɛyɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn na ɔde bae. Ɛno nti, na Hiob gye di sɛ ɛbɛyɛ sɛ wayɛ biribi atia Yehowa. Ne nyinaa mu no, Hiob annome n’Agya a ɔwɔ soro no. Hiob gye toom sɛ, efi bere tenten na Yehowa ama no nneɛma pa pii. Ɔkaa sɛ, papa bae no ogyei a, ɛnde sɛ bɔne nso aba a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ ogye? Enti nea ɔkae ni: “Ayeyi nka Yehowa din daa.” (Hiob 1:20, 21; 2:10) Hiob agyapade a efii ne nsa, awerɛhow a odii, ne yare a ɛbɔɔ no nyinaa akyi no, ɔkɔɔ so de n’ani too Yehowa so. Nanso, na Satan ne no nwiei.

8. Ɔkwan bɛn bio na Satan de Hiob faa so?

8 Satan san de Hiob faa kwan foforo bi so; ɔmaa Hiob nnamfo mmiɛnsa bi yɛɛ wɔn ho sɛ wodwen ne ho, nanso wɔkekaa nsɛm bi maa Hiob tee nka sɛ ɔnsɛ hwee. Saa nkurɔfo no kaa sɛ Hiob bɔne dɔɔso nti na ɔrehu amane no. (Hiob 22:5-9) Wɔyɛe ara nso sɛ wɔbɛma wagye adi sɛ, sɛ ɔnyɛɛ bɔne biara mpo a, ɔtwe ne mu tann sɛ ɔbɛsɔ Onyankopɔn ani a, ɛrenkosi hwee. (Hiob 4:18; 22:2, 3; 25:4) Nea na wɔpɛ sɛ wɔyɛ ara ne sɛ wɔbɛma Hiob ate nka sɛ Onyankopɔn nnɔ no, onnwen ne ho, na ɔsom no koraa a, mfaso biara nni so. Nsɛm a saa nkurɔfo no kekae nti, anka Hiob betumi ate nka sɛ n’anidaso asa.

9. Dɛn na ɛboaa Hiob ma onyaa akokoduru gyinaa mu?

9 Wo de hwɛ sɛ Hiob te nsõ mu, na daa ɔte yaw wɔ ne nipaduam a ennyae da. (Hiob 2:8) Ne nnamfo no tu wɔn ano gu no so sɛ onni suban, na wɔyɛ nea wobetumi nyinaa sɛ wɔbɛsɛe ne din. Sɔhwɛ a na ɔrefa mu no, na ɛte sɛ adesoa bi a ɛrebu ne kɔn mu, na na ne mma no wu ho awerɛhow ama ne koma abubu. Mfiase no, Hiob ankasa. (Hiob 2:13–3:1) Sɛ Hiob nnamfo no faa no sɛ wayɛ komm nti, ɔbɛdan n’akyi akyerɛ ne Bɔfo no a, ɛnde na wodii mfomso paa. Eduu baabi no, ɛbɛyɛ sɛ Hiob maa ne ti so hwɛɛ ne nnamfo no anim kaa sɛ: “Mɛkɔ so ama m’abrabɔ adi mu akosi sɛ mewu!” (Hiob 27:5) Hiob amanehunu bebrebe no nyinaa akyi no, dɛn na ɛboaa no ma onyaa akokoduru gyinaa mu? Bere a na n’aba mu abu paa a ɔyɛ ne ho hwee a ɛnyɛ yiye mpo no, n’anidaso ansa da; ɔde n’ani too ne Nyankopɔn a ɔdɔ no no so sɛ nea ɛbɛyɛ biara a, ɔbɛma ne ho atɔ no. Ná onim sɛ, sɛ owu mpo a, Yehowa benyan no.—Hiob 14:13-15.

YƐBƐYƐ DƐN ASUASUA HIOB?

10. Dɛn na yesua fi Hiob asɛm no mu?

10 Nea yesua fi Hiob asɛm no mu ne sɛ, Satan rentumi nhyɛ yɛn mma yennyae Yehowa akyi di, na nea yɛrefa mu biara nso, Yehowa ani tua. Afei nso, Hiob asɛm no betumi ama yɛanya asuade pii. Momma yɛnhwɛ nneɛma pɔtee bi a yebetumi asua afi Hiob asɛm no mu.

11. Sɛ yɛkɔ so de yɛn ho to Yehowa so a, awerɛhyem bɛn na yebetumi anya? (Yakobo 4:7)

11 Hiob ma ɛdaa adi sɛ, sɛ yɛkɔ so de yɛn ho to Yehowa so a, yebetumi agyina sɔhwɛ biara ano, na yɛadi Satan so nkonim. Yɛyɛ saa a, ɛbɛkɔ akowie sɛn? Kyerɛwnsɛm no ma yɛn awerɛhyem sɛ Ɔbonsam beguan afi yɛn nkyɛn.—Kenkan Yakobo 4:7.

12. Sɛn na owusɔre anidaso no hyɛɛ Hiob den?

12 Ɛsɛ sɛ yekura owusɔre anidaso no mu denneennen. Sɛnea yehui wɔ adesua a edi wei anim mu no, Satan taa de owu hunahuna yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yebegyae Yehowa som. Hiob asɛm no mu no, Satan kaa sɛ nea Hiob bɛyɛ de abɔ ne nkwa ho ban biara, ɔbɛyɛ; sɛ ɛsɛ sɛ ogyae Yehowa som mpo a, obegyae. Ná Satan boa koraa. Bere a ɛtoo nea ɛyɛ den a na Hiob gyina owu ne nkwa nkwanta mpo no, ɔkɔɔ so dii Yehowa nokware. Awerɛhyem a na Hiob wɔ wɔ Yehowa papayɛ mu, ne anidaso a emu yɛ den a na ɔwɔ sɛ nea ɛbɛyɛ biara Yehowa de yiye bɛto yiye no hyɛɛ no den. Ná Hiob gye di sɛ, sɛ Yehowa antwitwa annye no bere a ɔte ase mpo a, daakye obenyan no. Ná Hiob wɔ anidaso paa sɛ awufo bɛsɔre. Sɛ yɛn nso yegye di paa sɛ awufo bɛsɔre, na sɛ wɔde owu hunahuna yɛn mpo a, yɛbɛkɔ so adi Onyankopɔn nokware.

13. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene kɔ akwan a Satan de Hiob faa so no so?

13 Akwan a Satan de Hiob faa so no, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn adwene kɔ so paa, efisɛ saa akwan no ara na ɔde yɛn fa so nnɛ. Hwɛ sobo a Satan bɔe. Ɔkaa sɛ: “Nea onipa [ɛnyɛ Hiob nko ara] wɔ nyinaa, ɔde bɛma de apere ne nkwa.” (Hiob 2:4, 5) Nea na Satan repɛ akyerɛ ne sɛ, ɔdɔ a yɛdɔ Yehowa Nyankopɔn no mfi komam, na sɛ ɛsɛ sɛ yɛpere yɛn nkwa a, yebegyae Yehowa akyi di. Satan san kaa sɛ Onyankopɔn nnɔ yɛn, na nea yɛbɛyɛ de asom no biara, n’ani rensɔ. Esiane sɛ yɛn a yɛde yɛn ani to Yehowa so no nim Satan akwan nti, yɛmma ɔnnaadaa yɛn.

14. Sɛn na sɔhwɛ ma yehu nea ɛwɔ yɛn komam? Ma mfatoho.

14 Sɛ yehyia sɔhwɛ a, ɛsɛ sɛ yɛfa no sɛ ɛyɛ kwan a yɛde behu sɛnea yɛte yiye. Sɔhwɛ a Hiob hyiae no boaa no ma ohuu ne mmerɛwyɛ na ɔyɛɛ ho adwuma. Ade baako a ohui ne sɛ, na ɛsɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase kɛse. (Hiob 42:3) Yɛn nso, sɛ yehyia sɔhwɛ a, ebetumi aboa yɛn ama yɛahu sɛnea yɛte yiye. Yɛnhwɛ onua bi a ne din de Nikolay * a wɔde no too afiase ɛmfa ho sɛ na ɔyare denneennen no. Ɔka sɛ: “Afiasenna te sɛ X-ray. Sɛnea X-ray ma yehu nea ɛwɔ obi mu no, saa ara na afiasenna nso ma yehu nea ɛwɔ Kristoni koma mu nyinaa.” Sɛ yenya hu yɛn mmerɛwyɛ a, yebetumi ayɛ ho adwuma.

15. Hena na ɛsɛ sɛ yetie no, na adɛn ntia?

15 Ɛsɛ sɛ yetie Yehowa, na ɛnyɛ yɛn atamfo. Hiob yɛɛ aso tiee Yehowa bere a ɔne no kasae no. Onyankopɔn ne Hiob susuw nsɛm bi ho ma ohui sɛ odwen ne ho. Wohwɛ mu a, nea na Onyankopɔn reka ne sɛ: ‘Wohwɛ nneɛma a mabɔ a, wunhu sɛ mewɔ tumi paa? M’ani tua biribiara a ato wo no. Ɛyɛ wo sɛ w’asɛm mfa me ho anaa?’ Hiob brɛɛ ne ho ase, na ɔkyerɛe sɛ n’ani sɔ Yehowa papayɛ. Enti ɔkaa sɛ: “Mate wo ho asɛm, na seesei de, mede m’ani ahu wo.” (Hiob 42:5) Ɛbɛyɛ sɛ bere a Hiob kaa saa asɛm no, na ɔda so ara te nsõ no mu a akuru atutu ne ho nyinaa, na na ɔda so ara redi ne mma no wu ho awerɛhow. Nanso Yehowa maa Hiob hui sɛ ɔda so dɔ no, na ɔmaa no awerɛhyem sɛ ogye no tom.—Hiob 42:7, 8.

16. Sɛnea Yesaia 49:15, 16 kyerɛ no, sɛ yehyia sɔhwɛ a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae?

16 Ɛnnɛ nso, ebia nkurɔfo bedidi yɛn atɛm, na wɔabu yɛn sɛ yɛnsɛ hwee. Ebia wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɛe yɛn din anaa ahyehyɛde no din, na ‘wɔadi atoro aka asɛmmɔne biara ato yɛn so.’ (Mat. 5:11) Yɛhwɛ Hiob asɛm no a, yehu sɛ Yehowa wɔ yɛn mu ahotoso sɛ, sɛ yehyia sɔhwɛ a, yɛbɛkɔ so adi no nokware. Yehowa dɔ yɛn, na wɔn a wɔde wɔn ani to no so no, ɔrennan n’akyi nkyerɛ wɔn da. (Kenkan Yesaia 49:15, 16.) Nsɛm a Onyankopɔn atamfo keka de sɛe yɛn din no, mfa w’adwene nkɔ so! Onua bi wɔ Turkey a ɔde James; n’abusua ahyia sɔhwɛ a emu yɛ den paa. Ɔka sɛ: “Yehui sɛ, sɛ yetie atosɛm a nkurɔfo keka fa Onyankopɔn nkurɔfo ho a, yɛn abam bebu. Enti yɛde yɛn adwene sii anidaso a Ahenni no ma yenya no so, na yɛyeree yɛn ho som Yehowa. Ɛno nti, yɛn anigye ansɛe.” Yɛn nso, yetie Yehowa sɛnea Hiob yɛe no! Atosɛm a yɛn atamfo keka no nsɛe yɛn anidaso.

W’ANIDASO BEKURAKURA WO

Hiob nokwaredi nti, Yehowa hyiraa no. Yehowa hyiraa ɔne ne yere maa wɔn ani gyei mfe pii (Hwɛ nkyekyɛm 17) *

17. Mmarima ne mmea anokwafo a Hebrifo ti 11 ka wɔn ho asɛm no, dɛn na wusua fi wɔn hɔ?

17 Ɛnyɛ Hiob nko ara ne Yehowa somfo a onyaa akokoduru gyinaa sɔhwɛ a emu yɛ den paa ano. Krataa a ɔsomafo Paul kyerɛw kɔmaa Hebrifo no mu no, ɔkaa nnipa pii nso ho asɛm sɛ wɔyɛ “adansefo mununkum kɛse.” (Heb. 12:1) Wɔn nyinaa hyiaa sɔhwɛ a emu yɛ den paa, nanso wɔkɔɔ so dii Yehowa nokware kosii awiei. (Heb. 11:36-40) Animia a wɔde gyinaa sɔhwɛ mu ne adwumaden a wɔyɛe no yɛɛ kwa anaa? Daabida! Ɛwom sɛ bere a wɔte ase no, wɔanhu sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ nyinaa baa mu, nanso wɔkɔɔ so de wɔn ani too Yehowa so. Esiane sɛ na wogye di paa sɛ Yehowa gye wɔn tom nti, na wɔwɔ awerɛhyem sɛ ɔkwan biara so ne bɔhyɛ nyinaa bɛba mu ama wɔahu. (Heb. 11:4, 5) Wɔn nhwɛso no betumi ahyɛ yɛn den ma yɛakɔ so de yɛn ani ato Yehowa so.

18. Dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ? (Hebrifo 11:6)

18 Ɛnnɛ, wiase a yɛte mu no, nneɛma gye ara na ɛregye nsam. (2 Tim. 3:13) Satan nnyaee sɔhwɛ a ɔde ba Onyankopɔn nkurɔfo so no. Ɛmfa ho sɔhwɛ biara a yebehyia daakye no, momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛyere yɛn ho asom Yehowa, na yennya awerɛhyem ‘mfa yɛn ani nto Onyankopɔn teasefo no so.’ (1 Tim. 4:10) Kae sɛ, bere a Hiob miaa n’ani gyinaa sɔhwɛ mu no, Onyankopɔn hyiraa no. Wei ma yehu sɛ “Yehowa wɔ ayamhyehye ne mmɔborɔhunu.” (Yak. 5:11) Momma yɛn nso yɛnkɔ so nni Yehowa nokware, efisɛ yenim sɛ “wɔn a wɔn ani abere rehwehwɛ no no,” otua wɔn ka.—Kenkan Hebrifo 11:6.

DWOM 150 Hwehwɛ Nyankopɔn na Nya Nkwa

^ Sɛ yɛreka obi a ohyiaa amanehunu paa na otumi gyinaa mu a, Hiob na ne ho asɛm taa ba yɛn tirim. Nea saa ɔbarima nokwafo no faa mu no, dɛn na yebetumi asua afi mu? Baako ne sɛ, Satan rentumi nhyɛ yɛn mma yennyae Yehowa som. Afei nso, ɛma yehu sɛ nea ɛbɛto yɛn biara, Yehowa ani tua. Bio nso, sɛnea Yehowa maa Hiob amanehunu no baa awiei no, da bi bɛba a obeyi yɛn amanehunu nyinaa afi hɔ. Sɛ yɛde yɛn abrabɔ kyerɛ sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu gye saa nokwasɛm yi di a, ɛkyerɛ sɛ yɛka wɔn a wɔde wɔn ‘ani to Yehowa so’ no ho ampa.

^ ASƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ‘fa w’ani to so’ no, nea ɛkyerɛ paa ne sɛ “wobɛtwɛn” biribi denneennen. Ebetumi nso akyerɛ sɛ wubenya obi mu awerɛhyem anaa wode wo ho bɛto no so.—Dw. 25:2, 3; 62:5.

^ Wɔasesa edin no bi.

^ MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Hiob ne ne yere; wɔn mma nyinaa awuwu ama wɔredi awerɛhow.

^ MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Hiob miaa n’ani gyinaa sɔhwɛ mu kosii awiei. Ɔne ne yere redwinnwen sɛnea Yehowa ahyira wɔn abusua no ho.