Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO | BIBLE—NHOMA A BIRIBIARA ANTUMI ANSƐE NO

Atamfo Antumi Ansɛe Bible No

Atamfo Antumi Ansɛe Bible No

ƆHAW NO: Nyamesom akannifo ne atumfoɔ pii ayɛ nneɛma a ɛne Bible no nhyia. Esiane tumi a wɔwɔ nti, mpɛn pii no wɔbaraa Bible no tintim ne ne nkyerɛase, na mpo wɔampɛ sɛ obi benya bi. Yɛnhwɛ nhwɛso mmienu yi:

  • Bɛyɛ Afe 167 A.Y.B.: Seleucid Hene Antiochus Epiphanes de sii n’ani so sɛ ɔde Hela som bepuapua Yudafo no, na ɔhyɛɛ sɛ wɔnsɛe Hebri Kyerɛwnsɛm no nyinaa. Abakɔsɛm kyerɛwfo Heinrich Graetz ka sɛ: “Baabiara a [Ɔhene no mpanyimfo] huu Mmara nhoma mmobɔwee no, wɔtetew mu na wɔhyew no, na wokum obiara a na wobehu no sɛ ɔrekenkan de ahyɛ ne ho den anaa ahwehwɛ awerɛkyekye no.”

  • Asomafo No Wu Akyi Bɛyɛ Mfe 500 kosi 1500 Y.B: Katolek akannifo no bi bo fuwii sɛ asɔremma no rekyerɛkyerɛ nea ɛwɔ Bible mu, na ɛnyɛ nea Katolek asɔre no kyerɛkyerɛ. Ɛno nti sɛ obi nyɛ ɔsɔfo na sɛ ɛbɛda adi sɛ ɔwɔ Bible a, na wobu onii no sɛ otuatewfo; Nnwom nhoma a na ɛwɔ Latin kasa mu nkutoo na na wɔma kwan ma obi nsa tumi ka bi. Asɔre mpanyimfo no hyɛe sɛ ‘wɔnkɔhwehwɛ atuatewfo no wɔ baabiara, afie ne ntokuru mu baabiara a obi betumi de ne ho akosie. Sɛ wohu otuatewfo wɔ ofie bi mu a, na ɛsɛ sɛ wɔsɛe ofie no pasaa.’

Sɛ anka atamfo no tumi sɛee Bible no korakora a, anka nnɛ Bible no ayera.

Ɛmfa ho sɛ wokum William Tyndale afe 1536 na wɔbaraa Bible anaa wɔhyew dodow no ara no, nea Tyndale kyerɛɛ ase kɔɔ Borɔfo mu no da so ara wɔ hɔ

NEA ENTI A BIBLE NO ANSƐE: Ɛwom, Ɔhene Antiochus de n’ani sii Israel man so, nanso na Yudafo no ahwete nsase pii so. Anokwa, nhomanimfo mpo ka sɛ, asomafo no bere so no, na Yudafo no mu fã kɛse no ara nte Israel. Wɔn hyiadan ahorow mu no, na wɔwɔ Bible nhoma mmobɔwee pii wɔ hɔ. Saa Bible yi ara na akyiri yi wɔn mma, wɔn nenanom a Kristofo nso ka ho no bɛkenkanee.—Asomafo Nnwuma 15:21.

Asomafo no wui akyi mfe pii no, sɛ na obi bɔ ne ho mmusu sɛ ɔbɛbɔ Bible no ho ban a, na ɛyɛ owu ne nkwa asɛm, nanso ne nyinaa mu no, nnipa a wɔn ani gye Bible no ho nyaa akokoduru kɔɔ so kyerɛɛ Bible no ase, na wɔyɛɛ bi kaa ho. Ebetumi aba sɛ bɛyɛ mfe 600 ni no, na Bible no fã bi wɔ kasa ahorow bɛyɛ 33 mu ansa na wɔreyɛ afiri a etintim nhoma. Ɛno akyi no, wɔkyerɛɛ Bible no ase na bere tiaa mu no, wɔyɛɛ pii.

NEA AFI MU ABA: Ahunahuna ne ɔhaw a ahemfo a wɔyɛ den ne nyamesom akannifo no de bae nyinaa akyi no, wɔ abakɔsɛm mu no, Bible no ne nhoma a wubetumi anya bi wɔ baabiara, na wɔakyerɛ ase kɔ kasa ahorow pii mu. Bible no asesa aman bi mmara, wɔn kasa ne nnipa ɔpepepem pii abrabɔ.