Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO | BIBLE—NHOMA A BIRIBIARA ANTUMI ANSƐE NO

Bible no Ansuw

Bible no Ansuw

ƆHAW NO: Mmɛw krataa, anaa aboa nhoma ne ade titiriw a Bible akyerɛwfo ne wɔn a wɔhwɛɛ so kyerɛw bi no de kyerɛw Bible no. * (2 Timoteo 4:13) Ná anka saa nneɛma yi betumi ama Bible no asɛe ntɛm. Dɛn ntia?

Ná mmɛw nkrataa tumi gogow, ɛyɛ dedaw na ɛtetew ntɛm. Richard Parkinson ne Stephen Quirke a wosua tete Egypt ho abakɔsɛm ka sɛ: “[Mmɛw] nkrataa tumi tetew furofurow ma ɛyɛ muhumuhu te sɛ anhwea. Na etumi bɔ ntuw anaa ɛporɔw wɔ akorae. Sɛ wɔde sie fam nso a, na mmoa anaa mmoawa te sɛ mfɔte tumi we sɛe no.” Mmɛw nkrataa no bi nso, bere a wohui no na owia abɔ so araa ma ɔhyew nti na asɛe araa ne sa.

Ná aboa nhoma no tumi kyɛ sen mmɛw krataa, nanso sɛ wɔankora so yiye anaa wogyaw to owia kataban mu anaasɛ beae a ɛhɔ yɛ nwini paa a, etumi sɛe. * Ná mmoawammoawa nso tumi sɛe no. Ɛno nti nhoma bi ka sɛ, tete kyerɛwtohɔ ahorow no, na “ɛtaa sɛe.” (Everyday Writing in the Graeco-Roman East) Sɛ Bible no sɛee a, anka ɛnnɛ enni hɔ.

NEA ENTI A BIBLE NO ANSƐE: Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yuda ahemfo sɛ wɔn mu biara “nkyerɛw [Mmara no] bi wɔ nhoma mu mfa.” Mmara no yɛ nhoma nnum a edi kan a ɛwɔ Bible mu no. (Deuteronomium 17:18) Afei nso, akyerɛwfo a wɔn ho akokwaw hwɛɛ so kyerɛw pii, ma enti eduu asomafo no bere so no, ɛkame ayɛ sɛ wokɔ hyiadan biara mu wɔ Israel a, na wubenya Kyerɛwnsɛm no bi. Makedonia a na ɛwɔ akyirikyiri no mpo na wubetumi anya bi wɔ hɔ! (Luka 4:16, 17; Asomafo Nnwuma 17:11) Ɛyɛɛ dɛn na tete nsaano nkyerɛwee no nyinaa ansɛe na ebi da so ara wɔ hɔ nnɛ?

Ɛpo a Awu Ho Nhoma Mmobɔwee no dii mfe pii wɔ kuku a ɛwɔ ɔbodan mu wɔ baabi a nsu ntaa ntɔ nanso ansɛe

Apam Foforo ho ɔbenfo Philip W. Comfort ka sɛ, “Ná wonim Yudafo sɛ nkurɔfo a wɔkora Bible nhoma mmobɔwee so wɔ kuku anaa ahina mu.” Ɛda adi sɛ Kristofo no toaa so yɛɛ saa ara. Ɛno nti woahu tete Bible nsaano nkyerɛwee no bi wɔ nkuku mu, abodan mu, ntokuru mu, ne mmeae a nsu ntaa ntɔ.

NEA AFI MU ABA: Seesei, Bible nsaano nkyerɛwee asinasin pii wɔ hɔ—ebi adi boro mfe 2,000. Nhoma biara nni hɔ a seesei wubehu ɛho nsaano nkyerɛwee a akyɛ saa da.

^ nky. 3 Wɔde nsu mu afifide bi a wɔfrɛ no mmɛw na na ɛyɛ mmɛw krataa no.

^ nky. 5 Nhwɛso bi ni, krataa a wɔde wɔn nsa hyɛɛ ase maa United States nyaa ahofadi no, na ɛyɛ mmɛw krataa. Krataa yi nnii mfe 250 mpo, nanso apa araa ma ɛreyɛ ayɛ den sɛ obi betumi ahu nkyerɛw no akenkan.