Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 NSƐM A WOBISABISA | IRÈNE HOF LAURENCEAU

Obi a ɔyɛ Nnompe Mu Oprehyɛn Kyerɛkyerɛ Ne Gyidi Mu

Obi a ɔyɛ Nnompe Mu Oprehyɛn Kyerɛkyerɛ Ne Gyidi Mu

Dɔkota Irène Hof Laurenceau yɛ dompe mu oprehyɛn wɔ Switzerland. Bere bi a atwam no, na onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Nanso mfe bi akyi no, obegye toom sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ na ɔno na Ɔbɔɔ nkwa. Nyan! nsɛmma nhoma kyerɛwfo bisaa no n’adwuma ne ne gyidi ho asɛm.

Dɛn na ɛmaa w’ani begyee nyansahu ho?

Bere a meyɛ abofra no, na m’ani gye adebɔ ho paa. Wɔtetee me wɔ Richterswil, Swiss akuraa bi a ɛhɔ yɛ fɛ a ɛda Ɔtare Zurich ano. Ná m’awofo ne me nuanom mpanyimfo ne me tu mpase, na na wɔka mmoa ne afifide ahorow a yehu wɔ kwan so no ho asɛm kyerɛ me.

Dɛn na ɛma wusuaa nnompe mu oprehyɛn ho ade?

Ná me papa yɛ adwuma wɔ baabi a wɔyɛ oprehyɛn wɔ ayaresabea bi a ɛbɛn yɛn mu. Ná ɔde anigye ka nea ohu wɔ hɔ no ho asɛm. Eyi kanyan me paa ma akyiri yi misii gyinae sɛ mɛyɛ oprehyɛn adwuma no bi. Misuaa nnompe mu oprehyɛn ho adwuma titiriw, efisɛ na m’ani gye ɔkwan a wɔfa so hyehyɛ nnompe na wɔtoatoa no ho. Ɛsɛ sɛ obi a ɔyɛ nnompe mu oprehyɛn no susuw nneɛma ho te sɛ mfiridwumayɛfo, na ama watumi asiesie nnompe, ntini akɛse, ne ntini nketewa a ɛma yetumi keka yɛn ho no.

Nea ɛsen ne nyinaa no, sɛ mihu sɛ ayarefo a merehwɛ wɔn no ho retɔ wɔn a, ɛma m’ani gye. M’ani gye ho sɛ me ne nkurɔfo bɛbom ayɛ adwuma.

Dɛn nti na na wunnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ?

Ná minnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ fi me mmabaaberem tɔnn, na nneɛma abien na ɛma minyaa saa adwene no. Nea edi kan no, mibehui sɛ asɔfo binom a wɔwɔ m’asɔre mu no bra asɛe, na eyi haw me paa. Nea ɛto so abien no, na m’akyerɛkyerɛfo a wɔkyerɛ me abɔde a nkwa wom ho ade no binom gye adannandi di—nkyerɛkyerɛ a mibegyee toom, titiriw bere a mekɔɔ sukuupɔn no.

Dɛn nti na wugyee adannandi toom?

Ná migye m’akyerɛkyerɛfo no di. Bio nso, na misusuw sɛ nsɛdi a ɛwɔ mmoa ahorow bi ntam  no kyerɛ sɛ wofi faako, na ɛno foa adwene a ɛne sɛ nkwa foforo tumi fi awosu mu nsakrae mu ba no so.

Nanso bere rekɔ so no, wosesaa w’adwene. Dɛn ntia?

M’adamfo bi too nsa frɛ me kɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam bi ase. M’ani gyee adamfofa su a asafo no daa no adi, ne ɔkasa a aba wom a wɔmae no ho. Akyiri yi, ɔbea bi a n’anim tew a ofi asafo no mu bɛsraa me, na mibisaa no sɛ, “Mɛyɛ dɛn agye adi sɛ Bible no yɛ nokware?”

Ɔkyerɛɛ me Bible nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa nsɛm a ɛresisi nnɛ no ho. Eyi ho nhwɛso ne Yesu nkɔmhyɛ a ɛfa mprempren wiase yi awiei bere ho no. Ebi ne amanaman ntam akodi, “asasewosow akɛse,” ne “ɔyaredɔm ne aduankɔm”1 a ebebu so. Afei nso ɔtwee m’adwene sii abrabɔ bɔne a ɛbɛkɔ so ne adifudepɛ ne bɔne ahorow a yehu wɔ mmeae pii nnɛ no so.2 Mantwentwɛn me nan ase koraa na mifii ase suaa Bible no anibere so, na ankyɛ koraa na mihui sɛ emu nkɔmhyɛ ba mu bere nyinaa. Afei mifii ase susuw nea ɛyɛe a nkwa bae no ho bio.

So nnuruyɛ mu nhwehwɛmu a woyɛe no boa ma wususuw nkwa fibea ho?

Yiw. Bere a mifii Bible adesua ase no, na mereyɛ kotodwe mu oprehyɛn mu nhwehwɛmu. Efi afe 1960 mfe no awiei mu no, nyansahufo fii ase tee sɛnea kotodwe afã ahorow no fa so yɛ adwuma no ase yiye. Wobehui sɛ, sɛ yɛpono yɛn kotodwe mu a, ɛnyɛ dompe no fã biako pɛ na ɛdan ne ho sɛnea ɔpon dan ne ho wɔ ɔpontere biako so no. Mmom, etumi kuntun, dannan ne ho na ɛwam fa so—anwonwakwan a kotodwe no fa so yɛ adwuma no na etumi ma yɛyɛ nneɛma pii, a ebi ne sɛ yetumi nantew, yɛsaw, na yetumi gyina ade so, na yɛyɛ nneɛma afoforo pii.

Nhwehwɛmufo de mfe 40 abɔ mmɔden sɛ wɔbɛhwɛ kotodwe so ayɛ bi. Nanso anwonwakwan a kotodwe no fa so yɛ adwuma no ma ɛyɛ den ma wɔn. Bio nso, nneɛma a wɔde yɛ kotodwe nsɛso no ntumi nkyɛ te sɛ onipa de no. Sɛ wɔn a wɔhwɛ kotodwe so yɛ bi no de nneɛma a eye paa yɛ wie, na etumi di mfe 20 mpo a, wɔn ani gye yiye. Nokwarem no, nkwammoaa a ɛyɛ ne ho foforo daa no na ɛma yɛn kotodwe yɛ adwuma. Me fam no, yehu adanse a ɛkyerɛ sɛ, ɛnyɛ adannandi na kotodwe nam so bae, na mmom ɛma yehu Onyankopɔn nyansa.

Na nsakrae a ɛba abɔde mu ne nsɛdi a ɛwɔ abɔde akwaa ahorow mu no nso ɛ?

Nsɛdi ahorow no nyinaa twe adwene si Ɔbɔadeɛ koro no ara so. Bio nso, nsakrae a ɛba abɔde mu no mma abɔde no nyɛ papa nsen abɔde afoforo anaa ɛnkorɔn nsen wɔn. Mmom, nsakrae a ɛba abɔde mu no sɛe wɔn awosu. Ɛwom sɛ akwanhyia bi betumi de mfaso bi aba de—te sɛ, ebia, keteke bi bubuu twene bi nti, amma atamfo annya kwan antumi amfa twene no so amma kurow no mu. Nanso saa akwanhyia no ansiesie nneɛma wɔ kurow no mu. Saa ara na awosu mu nsakrae ntumi mma biribi a nkwa wom ntu mpɔn. Na ɛrentumi mma wonnya biribi a ɛyɛ nwonwa te sɛ onipa kotodwe—saa ara nso na ɛrentumi mma wonnya onipa akwaa afoforo biara.

Awosu mu nsakrae ntumi mma wonnya biribi a ɛyɛ nwonwa te sɛ onipa kotodwe da

Ɛyɛɛ dɛn na wobɛyɛɛ Yehowa Ɔdansefo?

Bere a mifii ase de Bible nnyinasosɛm dii dwuma no, m’asetena tuu mpɔn kɛse. Bio nso, wɔ afe 2003 mu no, mekɔɔ Yehowa Adansefo amanaman ntam nhyiam, na mihuu sɛnea wɔayɛ biako, ne sɛnea nnipa a wonhyiaa wɔn ho da mpo tumi bɔ no. Wɔdaa ɔdɔ kann adi kyerɛɛ wɔn ho, na me kɔn dɔe sɛ mɛka wɔn ho.