Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 ASƐM A ƐDA SO

Abrabɔ Gyinapɛn a Mfaso wɔ So Ankasa

Abrabɔ Gyinapɛn a Mfaso wɔ So Ankasa

Asɛm no yɛɛ Christina nwonwa! Ná wanya rɔba bag tuntum bi a sika pii wom—sika a ne dodow boro ne mfe 20 akatua! Na onim ne wura. Dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ? Dɛn na anka wobɛyɛ? Wo mmuae bɛkyerɛ adwene a wowɔ wɔ nokwaredi ho ne sɛnea woayɛ w’adwene sɛ wode bɛbɔ wo bra.

Dɛn ne abrabɔ gyinapɛn ahorow? Ɛyɛ su a yɛda no adi wɔ abrabɔ mu a yegyina so bu biribi sɛ eye anaa enye. Ebetumi ayɛ bɔne fafiri, nokwaredi, ahofadi, ɔdɔ, obu a yɛwɔ ma nkwa, ne ahosodi. Enti yɛn gyinapɛn ahorow ka yɛn nneyɛe, yɛn ahiade, yɛne afoforo abusuabɔ, ne afei akwankyerɛ a yɛde ma yɛn mma. Ɛmfa ho hia a abrabɔ gyinapɛn ho hia no, kɔ ara na ɛrekɔ fam.

ABRABƆ GYINAPƐN A ƐREKƆ FAM

Wɔ afe 2008 mu no, nhwehwɛmufo a wɔwɔ United States no bisabisaa mmabun pii ma wɔkyerɛɛ wɔn adwene wɔ abrabɔ gyinapɛn ho. David Brooks kae wɔ The New York Times mu sɛ, “Nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ, nsɛm a wɔka wɔ abrabɔ gyinapɛn ho ne adwene a wɔwɔ wɔ ho no nye koraa.” Wɔn mu pii tee nka sɛ mmonnaato ne awudi yɛ bɔne, nanso “ɛno akyi no, sɛ́ ɛteɛ anaa ɛnteɛ sɛ wɔbɛnom nsã aka kar, wobewia sukuu sɔhwɛ mu, anaa wɔbɛfa wɔn hokafo akyi no de, wonnwen ho koraa.” Nea ababaa bi kae ne sɛ, “Sɛ́ biribi teɛ anaa ɛnteɛ no mfa me  ho.” Afoforo nso kae sɛ: ‘Yɛ nea wo ho bɛtɔ wo, ɛnyɛ nea ɔmanfo bɛka.’ So adwene a ɛte saa teɛ?

Koma a etumi ma yɛda ɔdɔ ne ayamhyehye kɛse adi no nso betumi ayɛ ‘okontomponi a ne ho yɛ ahometew.’ (Yeremia 17:9) Awerɛhosɛm yi da adi wɔ sɛnea abrabɔ gyinapɛn resesa no mu—Bible aka ho asɛm dedaw. Ɛka sɛ, “Nna a edi akyiri mu no, nnipa bɛyɛ pɛsɛmenkominya, adifudepɛ, ahohoahoa, ne ahantan,” ne “wɔn a wonni tema [na] wɔyɛ keka.” Afei nso, “wobekyi papa” na “wɔadɔ anigyede asen Onyankopɔn.”2 Timoteo 3:1-5, Good News Translation.

Ɛsɛ sɛ nokwasɛm ahorow yi boa ma yɛhwehwɛ yɛn komam sen sɛ yɛde yɛn ho bɛto so kɛkɛ! Nokwarem no, Bible ka no pen sɛ: “Nea ɔde ne ho to n’ankasa koma so yɛ ɔkwasea.” (Mmebusɛm 28:26) Sɛ yɛn koma no bedi aboa yɛn a, gye sɛ yɛde abrabɔ pa gyinapɛn dua mu. Ɛhe na yebetumi anya gyinapɛn ahorow a ɛte saa? Nnipa pii de wɔn ho to Bible no so, efisɛ ɛyɛ nokware na nea ɛka biara ba mu.

ABRABƆ GYINAPƐN A YEBETUMI DE YƐN HO ATO SO!

Sɛnea Bible gyinapɛn te no ma yehu sɛ wɔyɛ maa nnipa. Susuw nhwɛso kakra yi ho hwɛ—ɔdɔ, ayamye, ne nokwaredi.

Ɔdɔ a wɔda no adi kyerɛ afoforo.

Nhoma bi ka sɛ, “Sɛ wodɔ afoforo a, w’ani begye bere nyinaa.” Akyinnye biara nni ho sɛ, nnipa nyinaa hia ɔdɔ. Sɛ ɔdɔ nni hɔ a, yɛrennya anigye ankasa.—Engineering Happiness—A New Approach for Building a Joyful Life.

Nea Bible ka: “Monhyɛ ɔdɔ, efisɛ ɛyɛ koroyɛ hama a ɛyɛ pɛ.” (Kolosefo 3:14) Bible kyerɛwfo koro no ara kae sɛ: “Sɛ . . . minni dɔ a, mensɛ hwee.”1 Korintofo 13:2.

Ɔdɔ a ɛte saa no nyɛ ɔbea ne ɔbarima nna anaa nkate bi kɛkɛ; mmom ɛwɔ nnyinaso ankasa. Ɛyɛ ɔdɔ a ɛkanyan yɛn ma yɛboa ɔhɔho a ade ahia no, a yɛnhwɛ kwan sɛ yebenya akatua. Yɛkenkan wɔ 1 Korintofo 13:4-7 sɛ: “Ɔdɔ wɔ abodwokyɛre na ne yam ye. Ɔdɔ nyɛ ahoɔyaw, entu ne ho, ɛnhoman, ɛnyɛ ade a ɛnsɛ, ɛnhwehwɛ nea n’ankasa hia, ne bo nhaw no. Ɛmfa bɔne nhyɛ ne mu. Enni nea ɛnteɛ ho ahurusi, na mmom edi nokware ho ahurusi. Ɛtɔ ne bo ase biribiara mu, . . . egyina biribiara ano.”

Sɛ ɔdɔ nni abusua mu a, emufo nyinaa hu amane, titiriw mmofra no. Ɔbea bi a wɔfrɛ no Monica kyerɛwee sɛ bere a na ɔyɛ abofra no, ɔfaa aninyanne ne yawdi mu, na wɔtoo no mmonnaa nso. Ɔkae sɛ, “Ná obiara nnɔ me, na na minni anidaso biara.” Afei bere a odii mfe 15 no, otu kɔtenaa ne nananom a wɔyɛ Yehowa Adansefo nkyɛn.

Monica kae sɛ, “Ɛwom sɛ mefɛre ade de, nanso mfe abien a me ne wɔn tenae no, wɔkyerɛɛ me sɛnea mɛda ɔdɔ adi na makyerɛ afoforo ho anigye. Wɔboaa me  ma mebɛyɛɛ ababaa a obiara bu no.” Seesei Monica anya aware pa, na ɔne ne kunu ne ne mma baasa no ka Bible mu asɛm kyerɛ afoforo de da ɔdɔ adi kyerɛ wɔn.

Ade pɔtẽẽ bi a ɛnna adi, nanso ɛko tia ɔdɔ ne wiase ahonyade—adwene a ɛne sɛ, wunya wo ho na wugye w’ani a, ɛno na ɛkyerɛ sɛ woabɔ bra. Nanso, nhwehwɛmu ahorow a wɔayɛ kyerɛ sɛ, sɛ yebenya anigye a, ennyina sika pii so. Nokwarem no, nnipa a wɔde wɔn adwene nyinaa si ahonyade so no refrɛfrɛ awerɛhow, sɛnea Bible kyerɛ no. Ɔsɛnkafo 5:10 ka sɛ: “Nea ɔpɛ dwetɛ no, dwetɛ mmee no, na nea ɔpɛ adedodow nso, ahonyade mmee no. Eyi nso yɛ ahuhude.” Bio nso, Bible ka sɛ: “Mommma sikanibere mmma mo asetena mu.”Hebrifo 13:5.

Ayamye.

Kuw bi a wɔwɔ California Sukuupɔn mu wɔ Berkeley, United States kyerɛwee sɛ: “Sɛ wubetumi akɔ sotɔɔ mu akɔtɔ anigye a wuhia wo nkwa nna nyinaa a, anka wompɛ? Eyi nyɛ aseresɛm kɛkɛ—efisɛ biribiara a wobɛtɔ no, wotɔ ma obi.” Ɛkyerɛ dɛn? Sɛ yɛma afoforo ade a, yɛn ani gye sen sɛ yebegye afi wɔn hɔ.—The Greater Good Science Center.

Nea Bible ka: “Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.”Asomafo Nnwuma 20:35.

Mpɛn pii no, nea yɛde ma a eye sen biara—nea mfaso wɔ so paa—ne sɛ yebetu yɛn ho ama de yɛn bere ne yɛn ahoɔden aboa afoforo. Sɛ nhwɛso no, ɔbea bi a wɔfrɛ no Karen huu mmea baasa—obi ne ne mmabea baanu—sɛ wɔte kar bi a wɔabue so mu. Na ɛsɛ sɛ maame no ne ne babea biako kɔfa wimhyɛn; nanso na wɔn kar asɛe na na taksi a wɔretwɛn no nso mma ntɛm. Ɛwom sɛ efi baabi a wogyina hɔ rekɔ wimhyɛn gyinabea no begye simma 45 de, nanso Karen kae sɛ ɔde wɔn bɛkɔ. Wɔpenee so. Karen resan aba no, ohuu maame no babea biako no sɛ ɔda so ara retwɛn wɔ ne kar no mu.

Ɔbea no kae sɛ, “Me kunu nam kwan so reba.”

Karen nso kae sɛ, “Ɛnde ɛyɛ asɛm pa. Merekɔyɛ adwuma bi wɔ m’Ahenni Asa so anaa m’asɔredan ho.”

Ɔbea no bisae sɛ, “Woyɛ Yehowa Dansefo?”

Karen buae sɛ, “Yiw.” Ɛno akyi no wɔbɔɔ nkɔmmɔ kakra.

Adapɛn kakraa bi akyi no, Karen nsa kaa krataa bi. Krataa no fã bi ka sɛ: “Me ne me maame werɛ mfii mmoa a wode maa yɛn no. Wo nti, wimhyɛn no antu annyaw yɛn! Me nuabea no kae sɛ woyɛ Yehowa Dansefo, na ama yɛate biribiara ase. Me maame yɛ Yehowa Dansefo, na me na magyae. Nanso, ɛrenkyɛ koraa mɛsan afi ase!” Karen ani gyei paa sɛ otumi boaa ne mfɛfo gyidifo baanu. Ɔkae sɛ, “Misui.”

Nhoma kyerɛwfo Charles D. Warner kae sɛ: “Biribi a ɛyɛ nwonwa . . . wɔ asetenam ne sɛ, bere a yɛreboa afoforo no, yɛn ankasa na yenya so mfaso.” Eyi te saa efisɛ Onyankopɔn ammɔ nnipa sɛ wɔnyɛ  pɛsɛmenkominya, na mmom sɛ wɔnna ne su ahorow a ɛsom bo no bi adi.Genesis 1:27.

Nokwaredi.

Sɛ ɔman bi bedi yiye a, ehia sɛ emufo da saa su yi adi. Nokware a wonni ma ehu ka ɔmanfo, ɛma wonnye wɔn ho nni, na wɔn abrabɔ sɛe.

Nea Bible ka: “Hena na ɔbɛsoɛ [Onyankopɔn] ntamadan mu?” Dɛn ne mmuae no? “Nea ɔnantew nokwaredi mu na . . . ɔka nokwasɛm ne komam.” (Dwom 15:1, 2) Yiw, te sɛ su ahorow a yɛasusuw ho no, nokwaredi yɛ su a yɛn ankasa yɛda no adi. Ennyina nsɛm tebea anaa mfaso bi a yebenya so.

Wokae Christina a ohuu bag a na sika wom no? Ná ɛnyɛ nea ɔpɛ ankasa ne sɛ obenya ne ho, na mmom sɛ ɔbɛsɔ Onyankopɔn ani. Enti bere a sika no wura a n’ani abere rehwehwɛ ne sika no bae no, Christina ka kyerɛɛ no sɛ wahu sika no. Ne nokwaredi no maa oguadini no ho dwiriw no. N’adwumawura nso ho dwiriw no, na akyiri yi ɔbɔɔ Christina aba so maa no dibea a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ ne mu ahotoso a ɛne sɛ, ɔma ɔhwɛɛ sotɔɔ hɔ nneɛma nyinaa so. Eyi ma asɛm a ɛwɔ 1 Petro 3:10 no yɛ nokware sɛ: “Nea ɔdɔ nkwa na ɔpɛ sɛ ohu nna pa no, ma ɔnto ne tɛkrɛma nnareka . . . na n’ano anka nnaadaasɛm.”

‘NANTEW NNIPA PA KWAN SO’

Abrabɔ ho gyinapɛn a ɛwɔ Bible mu no ma yehu sɛ yɛn Bɔfo no dɔ yɛn paa, efisɛ saa gyinapɛn ahorow no boa yɛn ma ‘yɛnantew nnipa pa kwan so.’ (Mmebusɛm 2:20; Yesaia 48:17, 18) Sɛ yedi saa akwankyerɛ no so a, na yɛn nso, yɛrekyerɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn na yebenya nhyira pii. Nokwarem no, Bible hyɛ bɔ sɛ: “Fa [Onyankopɔn] kwan so, na ɔbɛma wo so na woanya asase no adi. Sɛ woyi nnebɔneyɛfo hɔ a, wubehu.”Dwom 37:34.

Yiw, daakye a ɛyɛ anigye bɛn ara na ɛretwɛn wɔn a wɔde Bible gyinapɛn bɛbɔ wɔn bra—asetena wɔ asase a asomdwoe wɔ so na amumɔyɛsɛm biara nnim! Akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ yesusuw abrabɔ gyinapɛn ahorow a Bible kyerɛkyerɛ no ho.