Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | MMƆFRA NTETEEƐ

Berɛ a Wo Ba Abisa Biribi Afa Owuo Ho

Berɛ a Wo Ba Abisa Biribi Afa Owuo Ho

ƆHAW NO

Da bi a wote baabi redwene wo ho no, wo ba a wadi mfie nsia ba wo nkyɛn bɛbisa wo sɛ, “Enti Dada, wo nso wobɛwu?” Ebia asɛmmisa yi bɛpem wo na woaka no wo tirim sɛ: ‘Ei, abɔfra ketewa yi deɛ, mɛyɛ dɛn aka owuo ho asɛm akyerɛ no? Menka no sɛn mpo na wate aseɛ?’

NEA ƐSƐ SƐ WOHU

Mmɔfra nso dwene owuo ho. Sɛ mmɔfra bi redi agorɔ a, baako tumi yɛ ne ho sɛ obi a wawuo. Enti mma owuo nyɛ te sɛ biribi a yɛmmɔ so. Sɛ wo ba bisa ho asɛm a, ma no mmisa. Sɛ woamma owuo ho asɛm anyɛ biribi huhuuhu na wo ne wo ba bɔ ho nkɔmmɔ a, ɛbɛboa abɔfra no na sɛ ne dɔfo bi wu a wate aseɛ.

Nnya adwene sɛ wo ne wo ba bɔ owuo ho nkɔmmɔ a, ɛde ehu bi bɛhyɛ ne mu. Mmom ɛbɛboa ayi owuo ho hu afiri ne mu. Nanso ɛsɛ sɛ woma abɔfra no te nneɛma bi ase. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛsoɔ a, abenfoɔ bi kyerɛ sɛ mmɔfra a wɔnnya nnii mfie nsia no mu pii nnim sɛ obi wu a na wawu koraa. Yɛhu wei berɛ a mmɔfra redi agorɔ. Wobɛhwɛ na baako agyaa ne ho ato fam sɛ “wawu,” nanso wobɛte w’ani no na “wasɔre.”

Sɛ mmɔfra renyini a, wɔhu sɛ owuo yɛ aniberesɛm, enti wɔfiri aseɛ dwendwene ho, na wɔbisa nsɛm pii. Sɛ wɔn dɔfo bi wu a, ɛbɛtumi ama wɔabɔ hu mpo. Enti ɛwɔ hɔ wɔ hɔ a, ɛsɛ sɛ wo ne wo mma susu asɛm no ho. Ɔbenfoɔ Marion Haza a ɔyɛ adwenem nhwehwɛmu kaa sɛ: “Sɛ abɔfra hu sɛ owuo ho asɛm yɛ biribi a yɛmmɔ so wɔ fie hɔ a, ɛbɛtumi agya no adwendwene.”

Ebia yɛreka yi, nea aba wo tirim ne sɛ, “Mɛka no sɛn?” Sɛ wei ne wo haw a, ka w’akoma to wo yam. Nhwehwɛmu bi kyerɛ sɛ “mmɔfra pɛ sɛ wɔhu nokwasɛm no nyinaa; ɛno ara ne sɛ nka no bumbum.” Hyɛ no nso sɛ abɔfra bisa asɛm bi a, ɛkyerɛ sɛ n’ani abere repɛ biribi ahu.

NEA WOBƐTUMI AYƐ

Sɛ wonya hokwan a wode bɛkyerɛkyerɛ owuo mu a, mma ɛmpa wo ti so. Fa no sɛ mo ayɛmmoa bi awu, anaa wo ne wo ba no nam na ɔhuu sɛ anomaa bi awu da kwankyɛn, fa anifere bisabisa no nsɛm na ɔnkyerɛ n’adwene. Ebia wobɛtumi abisa abɔfra no sɛ: “Sɛ aboa wu na wode biribi ka no a, ɛbɛyɛ no ya? Wohwɛ a awɔ anaa ɛkɔm de no? Woyɛ dɛn hu sɛ aboa anaa onipa bi awu?”Bible mu asɛm: Ɔsɛnkafoɔ 3:1, 7.

Mfa asɛm no nwadawada. Sɛ mo busuani anaa mo adamfo bi wu a, nka nkyerɛ akɔdaa no sɛ “Watu kwan.” Woyɛ saa a, ebia ɔbɛnya adwene sɛ ɔbɛsan aba. Mmom ma ɔnhu nea asi; mfa kasakoa mmrabram asɛm no so. Wobɛtumi aka sɛ: “Berɛ a Nana wuiɛ no, ne nipadua gyaa adwumayɛ. Yɛrentumi ne no nkasa bio, nanso wayɛ nneɛma pii a ɛbɛma yɛakae no daa.”Bible mu asɛm: Efesofoɔ 4:25.

Ebia abɔfra no bɛsusu sɛ owuo te sɛ nsanyareɛ bi a ɛbɛtumi asane no. Enti ma no nhu sɛ ɛnte saa na n’akoma ntɔ ne yam

Ka wo ba no akoma to ne yam. Ebia akɔdaa no bɛsusu sɛ ɔno na ɔyɛ maa obi wuiɛ. Nka kɛkɛ sɛ ɛnyɛ ɔno na ɔmaa onii no wuiɛ, mmom wobɛtumi abisa no sɛ, “Adɛn nti na wosusu sɛ wo na womaa no wuiɛ?” To wo bo ase tie no. Mmu nea ɔreka no sɛ nkɔdaasɛm bi kɛkɛ. Bio nso, ebia abɔfra no bɛsusu sɛ owuo te sɛ nsanyareɛ bi a ɛbɛtumi asane no. Enti ma no nhu sɛ ɛnte saa na n’akoma ntɔ ne yam.

Ma no nka nea ɛwɔ n’akomam. Wo ne wo ba rebɔ nkɔmmɔ a, ka abusuafoɔ a wɔawuwu ho asɛm kyerɛ no. Abusuafoɔ bi wɔ hɔ a wo ba no ammɛto wɔn, nanso wobɛtumi aka wɔn ho asɛm akyerɛ no. Ka ne sewaa, ne wɔfa, anaa ne nana bi ho asɛm a ɛyɛ anika kyerɛ no. Sɛ wo ne abɔfra no rebɔ nkɔmmɔ na wode nnipa a wɔte saa ho asɛm ba mu a, ɔbɛhu sɛ mfomsoɔ biara nni ho sɛ ɔbɛka wɔn ho asɛm anaa ɔbɛdwendwene wɔn ho. Nanso sɛ ɔmpɛ sɛ ɔkasa a, nhyɛ no. Twɛn na berɛ a ɛfata no, wasan akɔfa asɛm no aba.Bible mu asɛm: Mmebusɛm 20:5.

Nwoma a wɔato din Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No ti 34 ne 35 bɛtumi aboa wo mma ma wɔahu nea Bible kyerɛkyerɛ fa owuo ho. Hwɛ NHOMA > NHOMA & NHOMAWA