Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Afotusɛm a Ebetumi Ama Yɛn Ani Agye Wɔ Yɛn Abusua Mu

Afotusɛm a Ebetumi Ama Yɛn Ani Agye Wɔ Yɛn Abusua Mu

Aware ne abawo yɛ akyɛde a efi Ɔbɔadeɛ no hɔ. Ɔpɛ sɛ yɛn ani gye wɔ yɛn abusua mu, enti wama yɛn akwankyerɛ a ebetumi aboa yɛn. Sɛ yɛde yɛ adwuma a, ebesi yɛn mmusua yiye na obiara a ɔwɔ abusua no mu ani begye. Saa akwankyerɛ no, wubehu wɔ nhoma kronkron bi mu; wɔkyerɛwee nyɛ nnɛ. Wo de, ma yɛnhwɛ akwankyerɛ no bi.

Okununom, Monnɔ Mo Yerenom

“Ɛsɛ sɛ okununom dɔ wɔn yerenom sɛ wɔn ankasa nipadua. Nea ɔdɔ ne yere no dɔ ne ho, na onipa biara ntan n’ankasa nipadua; mmom ɔhwɛ so yiye na n’ani ku ho.”​—EFESOFO 5:28, 29.

Okunu na ɔyɛ abusua no ti anaasɛ ɔno na ɔda abusua no ano. (Efesofo 5:23) Nanso okunu pa mpoopoo n’ani nkyerɛ ne yere, na n’asɛm nyɛ den. Onni ne yere ho agorɔ, na ɔhwɛ no yiye ma ne nsa ka nea ohia biara. Afei ɔbɔ mmɔden sɛ, ɔrenyɛ biribiara mfa nteetee ne yere, na ɔma n’ani gye. Sɛ obi yɛ okunu pa a, ɛnyɛ nea ɔpɛ nko ara na odwen ho, mmom ɔyɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛyɛ ne yere apɛde ama no. (Filipifo 2:4) Ɔka ne komam asɛm nyinaa kyerɛ ne yere; ɔmfa biribiara nsie no. Afei nso sɛ ne yere rekasa a, ɔyɛ aso tie no. Bio nso, ‘ɔmmma ne bo mmfuw ne yere denneennen’ na ɔnnka nsɛm a ɛyɛ yaw nnkyerɛ no. Okunu pa rento ne nsa mmɔ ne yere da.​—Kolosefo 3:19.

Ɔyerenom, Mummu Mo Kununom

“Ɔyere de, onnya obu kɛse mma ne kunu.”​—EFESOFO 5:33.

Sɛ ɔbea bi bu ne kunu, na sɛ gyinae biara a ne kunu besi no, ɔtaa akyi a, ɛma asomdwoe ba abusua no mu. Ɔbea a obu ne kunu no, sɛ ne kunu di mfomso mpo a, ommmu no animtiaa, mmom ɔkɔ so brɛ ne ho ase ma no, na odi no ni. (1 Petro 3:4) Sɛ biribi nkɔ yiye na ɔpɛ sɛ ɔka ho asɛm kyerɛ ne kunu a, ɔpɛ bere a ɛfata ne no ka ho asɛm. Afei nso, sɛ ɔne no rekasa a, ɔhwɛ ne kasa yiye.​—Ɔsɛnkafo 3:7.

Di Wo Kunu Anaa Wo Yere Nokware

‘Ɔbarima de ne ho bɛkɔ akɔbata ne yere ho na wɔayɛ ɔhonam koro.’​—GENESIS 2:24.

Sɛ ɔbarima ne ɔbea ware a, na wɔabɛyɛ ɔhonam koro. Dɛn na wɔyɛ a ɛbɛma wɔn aware no asɔ twann? Ɛsɛ sɛ wonya adagyew bɔ nkɔmmɔ. Ɛsɛ sɛ obiara tumi ka ne komam asɛm kyerɛ ne yɔnko. Afei nso, ɛsɛ sɛ wɔn mu biara yi ne yam yɛ nneɛma nketenkete bi de kyerɛ sɛ ɔdɔ ne yɔnko. Ɛsɛ sɛ wodi wɔn ho nokware; ɛnsɛ sɛ okunu fa ne yere akyi, na saa ara nso na ɛnsɛ sɛ ɔyere fa ne kunu akyi. Sɛ obi fa ne kunu anaa ne yere akyi a, ɛyɛ awudisɛm paa. Ɛba saa a, ɛma ɛyɛ den sɛ okunu anaa ɔyere a ne ho nni asɛm no begye ne hokafo a wafa n’akyi no adi, na ebetumi ama aware no agyigya.​—Hebrifo 13:4.

Awofo, Montete Mo Mma

“Kyerɛkyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so, na sɛ onyin mpo a, ɔremman mfi ho.”​—MMEBUSƐM 22:6.

Onyankopɔn de ahyɛ awofo nsa sɛ wɔntete wɔn mma. Nea wɔyɛ de tete wɔn mma no bi ne sɛ, wɔyɛ nhwɛso pa ma wɔn, na wɔkyerɛ wɔn sɛnea wɔmmɔ wɔn bra. (Deuteronomium 6:6, 7) Agya anaa ɛna a ɔde Onyankopɔn akwankyerɛ yɛ adwuma no, sɛ ne ba yɛ asoɔden a, ɔnyɛ ade ntra so. Mmom ‘ɔyɛ ntɛm tie abofra no, ɔmmpere ne ho nnkasa, na ɔmmpere ne ho mmfa abufuw.’ (Yakobo 1:19) Sɛ ɔwofo bi hu sɛ, ehia sɛ ɔteɛ ne ba so a, ɔde ɔdɔ na ɛteɛ ne so, na ɛnyɛ abufuw.

Mmofra, Muntie Mo Awofo

“Mma, muntie mo awofo asɛm . . . ‘Di wo papa ne wo maame ni.’”​—EFESOFO 6:1, 2.

Ɛsɛ sɛ mmofra tie wɔn awofo na wonya obu kɛse ma wɔn. Sɛ mmofra di wɔn awofo ni a, ɛde anigye ba fie, na ɛma asomdwoe ne baakoyɛ ba abusua no mu. Dɛn na mma a wɔanyinyin betumi ayɛ de akyerɛ sɛ wodi wɔn awofo ni? Ɛsɛ sɛ wɔhwɛ wɔn yiye. Nea wobetumi ayɛ no bi ne sɛ, wɔbɛhwɛ sɛ baabi a wɔn awofo te no yɛ kama. Afei nso, sika a wɔn awofo hia no, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde bɛma wɔn.​—1 Timoteo 5:3, 4.