Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Obu Ma Tumidi—Dɛn Nti Na Ehia?

Obu Ma Tumidi—Dɛn Nti Na Ehia?

Obu Ma Tumidi—Dɛn Nti Na Ehia?

HENA na n’ani nnye sɛ polisifo wɔ tumi a wɔde kyere nsɛmmɔnedifo a wowiawia yɛn nneɛma anaa wohunahuna yɛn abusua no? Na so yɛn ani nnye sɛ asɛnnibea ahorow no wɔ tumi a wɔde twe nsɛmmɔnedifo aso sɛnea ɛbɛyɛ na wɔabɔ ɔmanfo ho ban?

Nnwuma foforo a mfaso wɔ so a wɔyɛ ma ɔmanfo te sɛ kar akwan a wosiesie, ahotew ho nhyehyɛe, ne nhomasua—a wɔtaa de tow a atumfoɔ gyigye na etua ho ka—nso betumi aba yɛn adwenem. Nokware Kristofo na wodi kan gye tom sɛ ehia sɛ wɔde obu ma tumidi. Nanso ɛsɛ sɛ obu a ɛte saa kɔ akyiri kodu he? Na asetram nneɛma bɛn mu na ehia sɛ wɔkyerɛ obu ma tumidi?

Ɔmanfo mu Tumidi

Bible ka kyerɛ nnipa nyinaa, sɛ ebia wɔyɛ gyidifo anaa wɔnyɛ gyidifo sɛ wɔnkyerɛ obu mma aban tumidi a ɛboa ɔmanfo no. Kristoni somafo Paulo kyerɛw eyi ho asɛm kɔmaa ne mfɛfo gyidifo a na wɔwɔ Roma no, na sɛ yesusuw nea ɔkae a wɔakyerɛw wɔ Romafo 13:1-7 no ho a, ɛbɛboa yɛn.

Ná Paulo yɛ Roma man ba, na na Roma na edi wiase so tumi saa bere no. Paulo krataa a ɔkyerɛw no bɛyɛ afe 56 Y.B. mu no tuu Kristofo fo sɛ wɔnyɛ ɔman mma a wɔda nhwɛso pa adi. Ɔkyerɛwee sɛ: “Momma akra nyinaa mmrɛbrɛ wɔn ho ase nhyɛ tumi a ɛwɔ anuonyam no ase. Na tumi biara nni hɔ sɛ nea efi Nyankopɔn; nanso tumi a ɛwowɔ hɔ no, Onyankopɔn na wahyɛ ato hɔ.”

Ɛha no Paulo kyerɛkyerɛ mu sɛ sɛ Onyankopɔn amma ho kwan a nnipa tumidi biara ntumi ntra hɔ. Wɔ saa kwan no so no, tumi a ɛwɔ anuonyam no wɔ gyinabea bi wɔ Onyankopɔn atirimpɔw mu. Enti asɛm no ne sɛ “obiara a ɔne tumi no di asi no, ɔne nea Onyankopɔn ahyɛ ato hɔ di asi.”

Bere a atumfoɔ a wɔwɔ anuonyam no betumi akamfo ɔmanfo a wɔyɛ ade pa no, wɔama tumidi ahorow yi tumi a wɔde twe abɔnefo aso nso. Ɛfata sɛ wɔn a wɔyɛ bɔne no suro hokwan a atumfoɔ no wɔ sɛ “wodi were” no, esiane sɛ nniso horow no yɛ saa sɛ “Onyankopɔn asomfo” nti.

Paulo wie ne nsɛm no sɛ: “Enti etwa sɛ mobrɛ mo ho ase hyɛ wɔn ase, ɛnyɛ abufuw no nko nti, na mmom ahonim nso ntia. Eyi nti nso na muyi tow, efisɛ wɔyɛ Onyankopɔn asomfo a wokura ɔsom yi mu ara.”

Nea wɔde tow sika yɛ no ho asodi da atumfoɔ no so, ɛnyɛ nea otuaa tow no. Sɛ́ ɔman ba a odi nokware no, Kristoni kura ahonim pa mu. Onim sɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase ma atumfoɔ no na otua ne tow ahorow a, ɛnyɛ ɔman a ɔte mu no mmara so nko na odi, na mmom ɔma n’abrabɔ ne Onyankopɔn ahwehwɛde ahorow hyia nso.

Abusua no ne Tumidi

Abusua mu tumidi nso ɛ? Akokoaa taa su anaasɛ ɔteɛteɛm sɛnea ɛbɛyɛ a ani beku ne ho. Nanso ɔwofo a onim nyansa no behu nea ehia akokoaa no ankasa bere a ɔremma abofra no abufuw nkyerɛ no nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Wogyae mmofra binom ma wɔyɛ nea wɔpɛ hyehyɛ wɔn ankasa gyinapɛn ahorow. Sɛnea mpɔtam amammui mpanyimfo pii nim no yiye no, esiane sɛ mmofra nni osuahu nti, wobetumi de wɔn ho akɔhyehyɛ nsɛmmɔnedi anaa nnebɔne bi mu, de ahaw abusua no ne ɔmanfo nyinaa.

Rosalind Miles a ɔkyerɛw Children We Deserve nhoma no ka sɛ: “Awofo mfa nteɛso mma ntɛm koraa. Bere a ɛsɛ sɛ wofi ase ne bere a wɔawo abofra no ara.” Sɛ mfitiase pɛɛ no awofo fi ayamye mu kasa kyerɛ wɔn wɔ ɔkwan a ɛkyerɛ sɛ wodwen wɔn ho so da nhwɛso pa adi a, ɛrenkyɛ na wɔn mma besua sɛ wobegye saa tumidi no ne nteɛso a efi ɔdɔ mu a wɔde ma no atom.

Abusua tumidi ho nsɛm pii wɔ Bible no mu. Wɔ Mmebusɛm nhoma no mu no, ɔhene nyansafo Salomo twe adwene si biakoyɛ a ɛda awofo a wosuro Nyankopɔn ntam a wɔn mma hu so bere a ɔka sɛ: “Me ba, tie w’agya nteɛso, na mpo wo na mmara.” (Mmebusɛm 1:8) Sɛ awofo da biakoyɛ a ɛte saa adi wɔ wɔn mma anim a, ɛma mmofra no hu nea wogyina. Ebia wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma awofo no bo afuw wɔn ho wɔn ho na ama wɔatumi ayɛ nea wɔn ankasa pɛ, nanso awofo tumidi a biakoyɛ wom yɛ ahobammɔ ma mmofra no.

Bible kyerɛkyerɛ mu sɛ ɛnyɛ mmofra honhom fam yiyedi nko na ɛda okunu so titiriw na mmom ne yere de nso. Wɔka eyi ho asɛm sɛ tiyɛ. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ wɔde tiyɛ yi di dwuma? Paulo ka sɛ sɛnea Kristo yɛ asafo no Ti no, saa ara na ɔbarima nso yɛ ne yere ti. Afei Paulo de ka ho sɛ: “Okununom, monnɔ mo yerenom, sɛnea Kristo nso dɔ asafo no na ɔde ne ho mae maa no.” (Efesofo 5:25) Sɛ ɔbarima di Yesu nhwɛso akyi na ofi ɔdɔ mu di ne tiyɛ ho dwuma a, ɛbɛma ne yere ‘afɛre’ no. (Efesofo 5:33) Mmofra a wɔwɔ abusua a ɛte saa mu no behu mfaso a ɛwɔ tumidi a Onyankopɔn de ama so na ahyɛ wɔn nkuran ma wɔagye atom.—Efesofo 6:1-3.

Ɔkwan bɛn so na awofo a wonni ahokafo ne wɔn a wɔn ahokafo awuwu betumi agyina asɛm yi ano? Sɛ́ ebia wɔyɛ agyanom anaa ɛnanom no, wobetumi ahwehwɛ tumi afi Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo nkyɛn tẽẽ. Yesu kasaa tumi so—N’agya tumi ne Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu tumi so—bere nyinaa.—Mateo 4:1-10; 7:29; Yohane 5:19, 30; 8:28.

Bible no de nsɛnnennen a mmofra hyia ho nnyinasosɛm a mfaso wɔ so pii ma. Sɛ awofo hwehwɛ nnyinasosɛm ahorow yi na wodi akyi a, wobetumi afi ɔdɔ mu de afotu a ɛbɛboa mmofra no ama wɔn. (Genesis 6:22; Mmebusɛm 13:20; Mateo 6:33; 1 Korintofo 15:33; Filipifo 4:8, 9) Afei nso awofo betumi ahwɛ nsɛm a efi Bible mu a wɔahyɛ da ahyehyɛ na ama wɔatumi atete wɔn mma ma wɔakyerɛ obu ama mfaso a tumi a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu wɔ no. *

Kristofo Asafo no ne Tumidi

“Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani. Muntie no!” (Mateo 17:5) Nsɛm yi a Yehowa Nyankopɔn ankasa kae yi kyerɛe sɛ Yesu de Onyankopɔn tumi na ɛkasa. Wɔakyerɛw nea ɔkae no wɔ Nsɛmpa anan a ɛnyɛ den sɛ yebetumi ahwehwɛ mu no mu.

Bere tiaa bi ansa na Yesu rebɛkɔ soro no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me.” (Mateo 28:18) Yesu sɛ asafo no Ti no, ɛnyɛ n’ani nko na ɔma ekuu wɔn a wodii n’anammɔn akyi a wɔasra wɔn a wɔwɔ asase so no ho, na mmom efi bere a wohwiee honhom kronkron guu wɔn so wɔ Pentekoste 33 Y.B. no, ɔde wɔn adi dwuma nso sɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma,” a ɔnam wɔn so de nokware no ma. (Mateo 24:45-47; Asomafo no Nnwuma 2:1-36) Dɛn na Yesu ayɛ na ama wɔatumi ayɛ eyinom nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛhyɛ Kristofo asafo no den? ‘Ɔforo kɔɔ ɔsoro no, ɔmaa nnipa mu akyɛde.’ (Efesofo 4:8) Saa ‘nnipa mu akyɛde’ yi yɛ Kristofo mpanyimfo a honhom kronkron no apaw wɔn na wɔama wɔn tumi sɛ wonni wɔn mfɛfo gyidifo honhom fam ahiade ho dwuma.—Asomafo no Nnwuma 20:28.

Eyi nti, Paulo tu fo sɛ: “Monkae mo mpanyimfo a wɔaka Onyankopɔn asɛm akyerɛ mo; monhwɛ wɔn abrabɔ awiei nsua wɔn gyidi.” Esiane sɛ saa mmarima anokwafo yi di Yesu anammɔn akyi pɛɛ nti, ɛda adi sɛ ɛyɛ nea nyansa wom sɛ yesuasua wɔn gyidi. Afei Paulo de ka ho sɛ: “Muntie mo mpanyimfo na mommrɛ mo ho ase mma wɔn, [na monkɔ so nnye tumi a wodi no mo so no ntom, The Amplified Bible] efisɛ wɔn na wɔwɛn mo kra sɛ wɔn a wobebu ho akontaa, na wɔde anigye ayɛ, na ɛnyɛ ahomegu; efisɛ eyi nyɛ mfaso bi mma mo.”—Hebrifo 13:7, 17.

Sɛ wobu ani gu akwankyerɛ a ɛte saa so a, dɛn na ɛba? Saa pɛpɛɛpɛ na tete Kristofo asafo no mufo binom yɛe, na wɔbɛyɛɛ awaefo. Wɔbɔ Himeneo ne Fileto din sɛ mmarima a wɔdan ebinom gyidi butuwii na wɔn nsɛnhuhuw no ‘guu nea ɛyɛ kronkron ho fĩ.’ Wɔn nsɛm a na wɔka no bi ne sɛ owusɔre no aba wɔ sɛnkyerɛnne kwan so anaa honhom fam, ma enti na enhia sɛ wonyan awufo bio daakye wɔ Onyankopɔn Ahenni nniso ase.— 2 Timoteo 2:16-18.

Mpanyimfo a wɔapaw wɔn no besiesiee tebea no. Kristofo mpanyimfo no tumi bɔɔ saa nsɛm no gui efisɛ, sɛ́ Yesu Kristo ananmusifo no, wɔde Kyerɛwnsɛm no mu tumi na edii dwuma. (2 Timoteo 3:16, 17) Saa ara na ɛte wɔ Kristofo asafo a wɔka ho asɛm sɛ “nokware dum ne nnyinaso no mu” nnɛ. (1 Timoteo 3:15) Ɛmmra sɛ yɛremma atoro nkyerɛkyerɛ nsɛe “nsɛm pa a eye” a wɔakora so ama yɛn sɛ ade pa a wɔde ahyɛ yɛn nsa a ɛwɔ Bible mu no.—2 Timoteo 1:13, 14.

Bere a obu a wɔkyerɛ ma tumidi reyera ntɛmntɛm wɔ wiase no mu no, sɛ́ Kristofo no, yehu sɛ wɔahyehyɛ tumidi a ɛfata wɔ ɔman, abusua, ne Kristofo asafo no mu na yɛanya so mfaso. Obu a yɛbɛkyerɛ ama tumidi ho hia ma yɛn yiyedi wɔ honam fam, nkate fam, ne honhom fam. Sɛ yegye tumi a Onyankopɔn de ma saa no tom na yɛkyerɛ obu ma a, atumfoɔ a wɔsen biara—Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo—bɛbɔ yɛn ho ban ama yɛn daa yiyedi.—Dwom 119:165; Hebrifo 12:9.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 17 Hwɛ Questions Young People Ask—Answers That Work ne Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba, nhoma a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no mu.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]

Abusua mu tumidi ho nsɛm pii wɔ Bible no mu

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Awofo a wonni ahokafo betumi ahwehwɛ tumi afi Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo nkyɛn tẽẽ

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]

Kristofo hu sɛ wɔahyehyɛ tumidi a ɛfata wɔ ɔman, abusua, ne Kristofo asafo no mu na ama wɔanya so mfaso

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 4]

Photo by Josh Mathes, Collection of the Supreme Court of the United States