Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Wo Ne Wo Mmerantebere Mu Yere Ani Nnye”

“Wo Ne Wo Mmerantebere Mu Yere Ani Nnye”

“Wo Ne Wo Mmerantebere Mu Yere Ani Nnye”

“Wo ne wo mmerantebere mu yere ani nnye . . . Me ba, adɛn na wotɔ ɔbea nanani ho ntintan?”—MMEBUSƐM 5:18, 20.

1, 2. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ okunu ne ɔyere ntam dɔ yɛ nhyira?

BIBLE mfa ɔbarima ne ɔbea ntam nna ho asɛm nsie. Yɛkenkan wɔ Mmebusɛm 5:18, 19 sɛ: “Ma w’abura nyɛ nhyira, na wo ne wo mmerantebere mu yere ani nnye; ɔdɔ satwe ne anuonyam wansan no: ma ne mpokua nsɔ w’ani daa, tɔ ne dɔ mu ntintan daa yi.”

2 Asɛm “w’abura” a wɔde di dwuma wɔ ha no kyerɛ ade a ɛma wonya nna mu anigye. Ɛyɛ nhyira efisɛ okunu ne ɔyere ntam dɔ ne nna mu anigye a wonya no yɛ akyɛde a efi Nyankopɔn hɔ. Nanso, ɛsɛ sɛ awarefo nkutoo na wonya saa nna mu nkitahodi yi. Enti tete Israel hene Salomo a ɔkyerɛw Mmebusɛm nhoma no bisae sɛ: “Me ba, adɛn na wotɔ ɔbea nanani ho ntintan, na wuso ɔbea hɔho kokom?”—Mmebusɛm 5:20.

3. (a) Awerɛhosɛm bɛn na asi wɔ aware pii mu? (b) Onyankopɔn bu awaresɛe dɛn?

3 Sɛ ɔbarima ne ɔbea hyia ayeforo a, wɔka ntam sɛ wɔbɛdodɔ wɔn ho na wobedi wɔn ho wɔn ho nokware. Nanso, awaresɛe ama aware pii agu. Nokwasɛm ne sɛ, bere a obi yɛɛ nnipa bɛboro 24 mu nhwehwemu no, ɔkae sɛ “ɔyerenom ɔha biara mu 25 ne okununom ɔha biara mu 44 afi wɔn hokafo akyi ne nnipa afoforo ada.” Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Mommma wɔnnnaadaa mo. Aguamammɔfo, anaa abosonsomfo anaa awaresɛefo anaa mmarima a wɔde wɔn yɛ adapaade anaa mmarima a wɔne mmarima da . . . rennya Onyankopɔn ahenni.” (1 Korintofo 6:9, 10) Akyinnye biara nni ho sɛ awaresɛe yɛ bɔne a anibere wom wɔ Onyankopɔn anim, ma enti ɛsɛ sɛ nokware asomfo hwɛ yiye na wɔansɛe aware. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛn ‘aware ho aba nyam, na yɛangu aware mpa ho fĩ’?—Hebrifo 13:4.

Hwɛ Yiye wɔ Koma a Ɛyɛ Okontomponi Ho

4. Dɛn na ebetumi ama Kristoni warefo agyaw ne hokafo hɔ akodi obi foforo akyi a onhu?

4 Wɔ nnɛ wiase a ɔbrasɛe ahyɛ mu ma mu no, nnipa pii ‘wɔ aniwa a awaresɛe ahyɛ no mã a entumi nkwati bɔne.’ (2 Petro 2:14) Wɔboapa gyaw wɔn aware mu ahokafo hɔ kodi afoforo akyi. Wɔ aman bi so no, mmea pii de wɔn ho ahyɛ krakyedwuma mu, ma enti mmea ne mmarima a wobom yɛ adwuma no ama ɔbarima ne ɔbea ntam ayɔnkofa a ɛmfata rekɔ so wɔ adwumam paa. Afei nso, Intanɛt so nkɔmmɔbɔ ama ayɛ mmerɛw ama wɔn a anka wɔfɛre ade paa no mpo ma wotumi nya nnamfo ne wɔn bɔ nna ho nkɔmmɔ. Awarefo pii tɔ saa afiri yi mu a wonhu.

5, 6. Ɛyɛɛ dɛn na anka ɔbrasɛe ho afiri reyɛ ayi Kristoni bea bi, na dɛn na yesua fi mu?

5 Susuw sɛnea Kristoni bea bi a yɛbɛfrɛ no Mary de ne ho kɔhyɛɛ tebea bi a anka ɛreyɛ ama wasɛe aware mu no ho hwɛ. Ná ne kunu a ɔnyɛ Yehowa Dansefo no nni n’abusua ho adagyew koraa. Mary ka sɛnea bere bi a atwam no ohyiaa ɔbarima bi a na ɔne ne kunu yɛ adwuma ho asɛm. Ná ɔbarima no ani abue, na akyiri yi ɔkyerɛɛ Mary som mu gyidi ho anigye mpo. Ɔka sɛ: “Ná oye sen me kunu koraa.” Ankyɛ, Mary ne ne kunu yɔnko dwumayɛni yi benyaa ɔdɔ maa wɔn ho. Ɔkae wɔ ne tirim sɛ: “Mensɛee aware, ɔbarima no ani gye Bible ho, na ebia metumi aboa no.”

6 Mary ani baa ne ho so ma enti wansɛe aware. (Galatifo 5:19-21; Efesofo 4:19) N’ahonim fii ase haw no, na ofii ase siesiee n’akwan. Mary suahu yi ma yehu sɛ “koma wɔ hɔ yi, ɛyɛ okontomponi sen ade nyinaa na emuɔ.” (Yeremia 17:9) Bible ka sɛ: “Kora wo koma so sen nea wode sie nyinaa.” (Mmebusɛm 4:23) Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa?

‘Onitefo De Ne Ho Hintaw’

7. Sɛ woreboa obi a ɔrehyia aware mu nsɛnnennen a, Kyerɛwnsɛm mu afotu bɛn na ebetumi abɔ wo ho ban?

7 Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Nea n’adwene yɛ no sɛ ogyina hɔ no nhwɛ yiye na wanhwe ase.” (1 Korintofo 10:12) Na Mmebusɛm 22:3 nso ka sɛ: “Onitefo hu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hintaw.” Sɛ́ anka wubegye wo ho adi dodo aka sɛ, ‘Biribiara rensi’ no, nyansa wom mmom sɛ wubesusuw sɛnea tebea horow bi betumi de wo akɔ asiane mu ho. Sɛ nhwɛso no, mma obi a ɛsono ne bɔbeasu a ɔrehyia aware mu nsɛnnennen nka n’aware mu nsɛm nkyerɛ wo bere nyinaa. (Mmebusɛm 11:14) Ma onii no nhu sɛ ɛyɛ papa sɛ ɔne n’aware mu hokafo besusuw wɔn nsɛnnennen ho, anaa ɔka ho asɛm kyerɛ Kristoni bi a ne ho akokwaw a ɔne no wɔ bɔbeasu koro a ɔpɛ n’aware yiye anaasɛ ɔka kyerɛ asafo mu mpanyimfo. (Tito 2:3, 4) Mpanyimfo a wɔwɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow mu no yɛ nhwɛso pa wɔ eyi mu. Sɛ ɛho hia sɛ ɔpanyin bi ne Kristoni bea bi nkutoo kasa a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ saa wɔ baabi a obiara behu wɔn—te sɛ Ahenni Asa so.

8. Ahwɛyiye bɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ adwuma mu?

8 Hwɛ yiye wɔ obi a ɔnyɛ w’aware mu hokafo a wo ne no bɛfa yɔnko pampee wɔ adwuma mu ne mmeae afoforo no ho. Sɛ nhwɛso no, obi a ɛsono ne bɔbeasu a wo ne no bɛyɛ adwuma abom bere a moapɔn no betumi de wo akɔ sɔhwɛ mu. Sɛ́ ɔbea anaa barima warefo no, ɛsɛ sɛ woma ɛda adi pefee wɔ wo kasa ne wo nneyɛe mu sɛ w’ani nnye ayɔnkofa a ɛte saa ho. Sɛ́ obi a wode onyamesom pa bɔ wo bra no, worempɛ sɛ wode wo ho bɛhyehyɛ obi a ɔnyɛ wo hokafo anaasɛ wubesiesie wo ho wɔ ɔkwan a ɛmfata so de atwetwe adwene aba wo ho so. (1 Timoteo 4:8; 6:11; 1 Petro 3:3, 4) Sɛ wode w’aware mu hokafo ne wo mma mfonini sisi w’adwuma mu a, ɛbɛkae wo ne afoforo sɛ w’abusua ho hia wo. Si wo bo sɛ worenyɛ ade a ɛbɛma afoforo adwene aba wo so, anaa worensosɔ obi a ɔbɛkyerɛ wo ho anigye wɔ ɔkwan a ɛmfata so no so.—Hiob 31:1.

“Wo ne Wo Yere a Wodɔ No Ntra Ase”

9. Tebea bɛn na ebetumi ama ɔwarefo ne obi foforo afa yɔnko a sɛ wɔanhu wɔn ho a, wontumi ntra?

9 Ɛnyɛ nea koma a yɛbɛbɔ ho ban kyerɛ ara ne sɛ yɛbɛkwati tebea a ɛde yɛn bɛkɔ asiane mu. Sɛ ɔwarefo bi fi ne hokafo akyi konya obi foforo ho dɔ a, ebetumi akyerɛ sɛ okunu anaa ɔyere no nsusuw ne yɔnko ahiade ho. Ebetumi aba sɛ okunu mfa ne yere nyɛ hwee anaa ɔyere kasa tia ne kunu bere nyinaa. Wobɛhwɛ no, na wahu obi foforo wɔ n’adwumam anaa wɔ Kristofo asafo no mu mpo a ɛte sɛ nea ɔwɔ su a ne hokafo nni bi. Ɛnkyɛ koraa na ɔne onipa a ɔte saa no afa yɔnko. Ayɔnkofa foforo yi mu tumi yɛ den araa ma sɛ wɔanhu wɔn ho mpo a, wontumi ntra. Anifere kwan a wɔfa so fa yɔnko yi si Bible mu nokwasɛm yi so dua: “Nea ɛsɔ obi hwɛ ne n’ankasa akɔnnɔ a ɛtwetwe no na ɛto no brada.”—Yakobo 1:14.

10. Okununom ne ɔyerenom bɛyɛ dɛn ahyɛ wɔn ntam abusuabɔ mu den?

10 Sɛ́ anka okunu anaa ɔyere befi ne hokafo akyi akɔhwehwɛ nea ɔpɛ—sɛ ɛyɛ obi a ɔbɛdɔ no, ɔne no bɛfa yɔnko, anaa ɔbɛboa no wɔ ahokyerɛ mu—no, ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden hyɛ ɔdɔ a ɛwɔ wɔn ntam no mu den. Sɛnea ɛte biara no, ɛsɛ sɛ moyɛ nneɛma bom na mobɛn mo ho kɛse. Munsusuw nea ɛma munyaa ɔdɔ maa mo ho no ho. Kaakae ɔdɔ a wo ne onii a wabɛyɛ wo hokafo no de fii ase no. Dwen anigye a moanya pɛn no ho. Bɔ ho mpae kyerɛ Onyankopɔn. Odwontofo Dawid srɛɛ Yehowa sɛ: “Onyankopɔn, bɔ koma a emu tew ma me, na yɛ honhom foforo a ase tim wɔ me mu.” (Dwom 51:10) Si wo bo sɛ ‘wo ne wo yere a wodɔ no bɛtra ase adi wo nkwa huhuw nna a Onyankopɔn de ama wo owia ase no nyinaa.’—Ɔsɛnkafo 9:9.

11. Sɛ aware bɛsɔ a, dwuma bɛn na nimdeɛ, nyansa ne nhumu di wom?

11 Ade a ɛma aware sɔ a ɛnsɛ sɛ wobu ani gu so ne mfaso a ɛwɔ nimdeɛ, nyansa ne nhumu so no. Mmebusɛm 24:3, 4 ka sɛ: “Wɔde nyansa na esi dan, na wɔde nhumu ma egyina, na wɔnam nimdeɛ so de ahode aboɔdenne afɛfɛde nyinaa hyɛ mpia mama.” Nneɛma a ɛsom bo a ɛma anigye ba fie no bi ne su horow te sɛ ɔdɔ, nokwaredi, Nyankopɔn ho suro, ne gyidi. Sɛ obi benya su yi bi a, gye sɛ onya Onyankopɔn ho nimdeɛ. Ɛnde, ɛsɛ sɛ awarefo sua Bible no yiye. Na mfaso bɛn na ɛwɔ nyansa ne nhumu so? Kyerɛwnsɛm mu nimdeɛ a obi de bɛyɛ adwuma no na ɛma onya nyansa a ɔde begyina ɔhaw ahorow a ohyia no da biara da no ano. Obi a ɔwɔ nhumu tumi te ne hokafo nsusuwii ne ne nkate ase. (Mmebusɛm 20:5) Yehowa ka kyerɛɛ Salomo sɛ: “Me ba, tie me nyansa, brɛ w’aso ase ma me ntease.”—Mmebusɛm 5:1.

Bere a Mo Ho ‘Hiahia’ Mo

12. Dɛn nti na ɛnyɛ nwonwa sɛ awarefo hyia nsɛnnennen?

12 Aware biara nni hɔ a ɔhaw nnim. Bible mpo ka sɛ okununom ne ɔyerenom ho “behiahia wɔn ɔhonam mu.” (1 Korintofo 7:28) Dadwen, yare, ɔtaa, ne nneɛma afoforo betumi ama awarefo ho ahiahia wɔn. Nanso, sɛ́ awarefo anokwafo a mopɛ sɛ mosɔ Yehowa ani no, sɛ nsɛnnennen sɔre a, ɛsɛ sɛ mo baanu nyinaa bom hwehwɛ ano aduru.

13. Nneɛma bɛn mu na okunu ne ɔyere betumi ahwehwɛ wɔn ho mu?

13 Na sɛ sɛnea awarefo ne wɔn ho di nsɛm no na ama wɔn ho hiahia wɔn nso ɛ? Egye mmɔdenbɔ na wɔatumi adi ho dwuma. Sɛ nhwɛso no, ebetumi aba sɛ wɔtaa ka nsɛm a ɛyɛ yaw kyerɛ wɔn ho wɔn ho ma abɛyɛ wɔn su. (Mmebusɛm 12:18) Sɛnea yɛadi kan asusuw ho wɔ adesua a edi eyi anim mu no, eyi betumi de ɔhaw a emu yɛ den aba. Bible mu abebusɛm bi ka sɛ: “Sare asase so tra ye sen ɔyere tutupɛfo a ne ho yɛ ahi nkyɛn.” (Mmebusɛm 21:19) Sɛ woyɛ ɔyere a w’aware te saa a, bisa wo ho sɛ, ‘Me suban nti na ɛyɛ den sɛ me kunu bɛbɛn me?’ Bible ka kyerɛ okununom sɛ: “Monkɔ so nnɔ mo yerenom na mommma mo bo mmfuw wɔn denneennen.” (Kolosefo 3:19) Sɛ woyɛ okunu nso a, bisa wo ho sɛ, ‘So mennwen me yere ho nti na ama ɔrekɔhwehwɛ obi akyekye ne werɛ?’ Nokwarem no, eyi nyɛ ade a ɛsɛ sɛ obi gyina so fi ne hokafo akyi. Nanso, esiane sɛ awerɛhosɛm a ɛte saa betumi asi nti, ɛyɛ papa sɛ mususuw nsɛnnennen ho a momfa biribiara nsie.

14, 15. Dɛn nti na obi aware mu hokafo akyi a obefi no ntumi mma onni n’aware mu nsɛnnennen ho dwuma?

14 Sɛ́ wubefi wo hokafo akyi akɔhwehwɛ ahotɔ wɔ obi foforo nkyɛn no ntumi mma wunni w’aware mu nsɛnnennen ho dwuma. Ɛhe na ayɔnkofa a ɛte saa de wo bɛkɔ akosi? Ɛbɛma woanya aware foforo a eye sen nea wote ho no anaa? Ebia ebinom besusuw saa. Wɔtaa ka sɛ ‘nea mepɛ ara na manya yi.’ Nanso adwene a ɛte saa nteɛ, efisɛ obiara a obefi ne kunu anaa ne yere akyi—anaa ɔbɛhyɛ wo nkuran sɛ fi wo hokafo akyi—no mmu aware sɛ ade kronkron koraa. Ɛnsɛ sɛ wohwɛ kwan sɛ ayɔnkofa a ɛte saa no bɛma woanya aware a eye sen nea wote ho no.

15 Mary a yedii kan kaa ne ho asɛm no susuw nea na ebefi ne nneyɛe no mu aba, ɛne sɛnea na ebetumi ama n’ankasa anaa obi foforo ahwere Onyankopɔn anim dom no ho anibere so. (Galatifo 6:7) Ɔka sɛ: “Bere a mifii ase susuw sɛnea na mete nka ma me kunu yɔnko dwumayɛni no ho no, mihui sɛ, sɛ hokwan mpo wɔ hɔ sɛ ɔbarima no betumi agye nokware no a, na meresiw ho kwan. Sɛ obi yɛ bɔne a, epira obiara a ne ho wom no bi paa, na ɛto afoforo nso hintidua.”—2 Korintofo 6:3.

Ade Titiriw a Ɛbɛboa

16. Ɔhaw a efi ɔbrasɛe mu ba no bi ne dɛn?

16 Bible bɔ kɔkɔ sɛ: “Ɔbea nanani ano kyĩ ɛwo sosɔ, na n’anom yɛ toro sen ngo; na n’akyi yɛ nwene sɛ awɔnwene, ɛyɛ nnam te sɛ nkrante anofanu.” (Mmebusɛm 5:3, 4) Nea efi ɔbrasɛe mu ba yɛ yaw na ebetumi adi awu. Ebi ne obi ahonim a ɛhaw no, nyarewa a wonya fi nna mu, ɛne sɛnea ɛbɛhaw ne hokafo a wanni no nokware no. Akyinnye biara nni ho sɛ, eyi nti na ɛnsɛ sɛ wufi ase yɛ biribi a ɛbɛkɔ akowie awaresɛe mu no.

17. Ade titiriw bɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so di yɛn aware mu hokafo nokware?

17 Ade titiriw a enti ɛyɛ mfomso sɛ obi befi ne hokafo akyi ne sɛ, Yehowa, nea ɔhyehyɛɛ aware, na ɔde nna ho akɔnnɔ duaa nnipa mu no kasa tia. Yehowa nam odiyifo Malaki so kae sɛ: “Mɛbɛn mo mabebu atɛn, na mɛyɛ ɔdansefo a ne ho yɛ hare mahyɛ . . . awaresɛefo.” (Malaki 3:5) Mmebusɛm 5:21 ka sɛnea Yehowa hu nneɛma no ho asɛm sɛ: “Onipa akwan da [Yehowa, NW] anim, na ɔtaataa n’anammɔn nyinaa.” Nokwasɛm ne sɛ “nneɛma nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue pefee, nea yɛne no wɔ akontaabu no anim.” (Hebrifo 4:13) Ade titiriw a ebetumi aboa yɛn ma yɛadi yɛn hokafo nokware ne sɛ yebehu sɛ, ɛmfa ho sɛnea yɛbɛhyɛ sum ase ayɛ biribi wɔ yɛn hokafo akyi, ne sɛnea ebia yebebu nea ebefi mu aba no sɛ ade ketewa no, nna mu ɔbrasɛe biara sɛe yɛne Yehowa ntam abusuabɔ.

18, 19. Dɛn na yesua fi Yosef ne Portifar yere asɛm no mu?

18 Agya panyin Yakob ba Yosef nhwɛso no da adi sɛ, ɔpɛ a yɛwɔ sɛ asomdwoe bɛtra yɛne Onyankopɔn ntam no yɛ ade titiriw a ɛbɛboa yɛn. Bere a Yosef nyaa Farao piani, Portifar anim dom no, obenyaa dibea kɛse wɔ Portifar fie. Afei nso, na Yosef “ho ne n’anim yɛ fɛ” ma enti Portifar yere adwene baa no so. Daa na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛdaadaa Yosef, nanso ankosi hwee. Dɛn nti na Yosef amfa ne ho amma no? Bible ka sɛ: “Wampene, na ɔka kyerɛɛ ne wura yere no sɛ: Hwɛ, sɛ me wura wɔ me nti, . . . ɔnkame me biribiara gye wo, sɛ ne yere ne wo ntia. Na ɛdɛn na menyɛ amumɔyɛ kɛse yi, na menyɛ bɔne mintia Onyankopɔn?”—Genesis 39:1-12.

19 Yosef a na onnya nwaree no ne obi yere anna amfa angu ne ho fĩ. Mmebusɛm 5:15 ka kyerɛ mmarima a wɔaware sɛ, “Nom w’abura mu nsu ne nsu a ɛsen fi wo nsuti mu.” Hwɛ yiye na woanni mfomso amfi wo yere anaa wo kunu akyi ankonya obi foforo ho dɔ. Bɔ mmɔden sɛ wobɛhyɛ ɔdɔ a ɛwɔ w’aware mu no mu den, na yere wo ho sɛ wubesiesie aware mu nsɛnnennen biara a ebia wubehyia. Ɛsɛ sɛ ‘wo ne wo mmerantebere mu yere ani gye.’—Mmebusɛm 5:18.

Dɛn na Wusuae?

• Dɛn na ebetumi ama Kristoni agyaw ne hokafo hɔ akodi obi foforo akyi a onhu?

• Ahwɛyiye bɛn na ɛsɛ sɛ obi yɛ na wamfi n’aware mu hokafo akyi ankonya obi foforo ho dɔ?

• Sɛ awarefo bi rehyia nsɛnnennen a, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ?

• Ade titiriw bɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so adi yɛn aware mu hokafo nokware?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Awerɛhosɛm ne sɛ, ɔbarima ne ɔbea ntam ayɔnkofa a ɛmfata betumi akɔ so wɔ adwumam

[Mfonini wɔ kratafa 28]

‘Wɔnam nimdeɛ so de afɛfɛde hyɛ mpia mama’