Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 11

Ɔkwan Bɛn so na Yenya Bible Nnyinasosɛm so Mfaso?

Ɔkwan Bɛn so na Yenya Bible Nnyinasosɛm so Mfaso?

1. Dɛn nti na yehia akwankyerɛ?

Ɔkwan bɛn so na Bible nnyinasosɛm ka yɛn ma yɛyɛ ahwɛyiye?​—DWOM 36:9.

Yɛn Bɔfo no nim nyansa sen yɛn. Esiane sɛ ɔyɛ Agya a ɔwɔ ɔdɔ nti, odwen yɛn ho. Afei nso, wammɔ yɛn sɛ yɛntwe yɛn ho mfi ne ho na yɛnyɛ nea yɛpɛ. (Yeremia 10:23) Enti sɛnea abofra kumaa hia n’awofo akwankyerɛ no, saa ara na yɛn nyinaa hia Onyankopɔn akwankyerɛ. (Yesaia 48:17, 18) Bible nnyinasosɛm ma yenya akwankyerɛ, na ɛyɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ.​—Kenkan 2 Timoteo 3:16.

Yehowa mmara ne ne nnyinasosɛm kyerɛ yɛn ɔkwan a eye sen biara a ɛsɛ sɛ yɛfa so bɔ yɛn bra nnɛ, na ɛma yehu nea yɛyɛ a ɛbɛma yɛanya nhyira a enni awiei daakye. Esiane sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ yɛn nti, ɛfata sɛ yegye n’akwankyerɛ tom na yɛkyerɛ ho anisɔ.​—Kenkan Dwom 19:7, 11; Adiyisɛm 4:11.

2. Dɛn ne Bible nnyinasosɛm?

Bible nnyinasosɛm yɛ nokwasɛm ahorow a ɛnsesa. Nanso, mmara de, wotumi hyɛ fa nneɛma pɔtee bi ho. (Deuteronomium 22:8) Ɛsɛ sɛ yɛde adwempa di dwuma na ama yɛahu ɔkwan a yɛbɛfa so de nnyinasosɛm bi adi tebea pɔtee bi ho dwuma. (Mmebusɛm 2:10-12) Sɛ nhwɛso no, Bible ma yehu sɛ nkwa yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ. Saa nnyinasosɛm titiriw yi betumi aboa yɛn wɔ adwumam, ofie, ne bere a yɛretu kwan. Ɛboa yɛn ma yɛyɛ ahwɛyiye.​—Kenkan Asomafo Nnwuma 17:28.

3. Nnyinasosɛm abien bɛn na ɛho hia paa?

Yesu kaa nnyinasosɛm abien a ɛho hia paa ho asɛm. Nea edi kan no ma yehu nea enti paa a nnipa te ase; ɛne sɛ yebehu Onyankopɔn, yɛbɛdɔ no, na yɛasom no nokware mu. Ɛsɛ sɛ yesusuw nnyinasosɛm a edi kan yi ho wɔ gyinae biara a yesi mu. (Mmebusɛm 3:6) Onyankopɔn fa wɔn a wɔde nnyinasosɛm yi bɔ wɔn bra no nnamfo, wɔn ani gye ankasa, na wobenya daa nkwa.​—Kenkan Mateo 22:36-38.

Nnyinasosɛm a ɛto so abien no betumi aboa yɛn ma yɛne afoforo atena asomdwoe mu. (1 Korintofo 13:4-7) Ɛno a yɛde bedi dwuma no hwehwɛ sɛ yesuasua sɛnea Onyankopɔn ne afoforo di no.​—Kenkan Mateo 7:12; 22:39, 40.

4. Ɔkwan bɛn so na yenya Bible nnyinasosɛm so mfaso?

Bible nnyinasosɛm boa mmusua ma wohu sɛnea wɔbɛbom atena wɔ ɔdɔ mu. (Kolosefo 3:12-14) Nnyinasosɛm foforo wɔ Onyankopɔn Asɛm no mu a ɛbɔ mmusua ho ban, ɛne sɛ ɛsɛ sɛ aware yɛ ade a ɛtena hɔ daa.​—Kenkan Genesis 2:24.

Sɛ yɛde Bible nnyinasosɛm bɔ yɛn bra a, ebetumi abɔ yɛn ho ban wɔ honam fam na ama yɛn koma atɔ yɛn yam. Sɛ nhwɛso no, adwumawuranom ani taa gye adwumayɛfo a Bible nnyinasosɛm a wɔde bɔ wɔn bra nti wodi nokware na wɔyɛ adwumaden no ho. (Mmebusɛm 10:4, 26; Hebrifo 13:18) Onyankopɔn Asɛm no san kyerɛkyerɛ yɛn sɛ ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani sɔ nneɛma a yehia ankasa ne yɛne Onyankopɔn adamfofa mmom sen honam fam nneɛma.​—Kenkan Mateo 6:24, 25, 33; 1 Timoteo 6:8-10.

Sɛ yɛde Bible nnyinasosɛm bɔ yɛn bra a, ebetumi abɔ yɛn ho ban ma yɛanya apɔwmuden. (Mmebusɛm 14:30; 22:24, 25) Sɛ nhwɛso no, Onyankopɔn mmara a ɛkasa tia asabow a yedi so no bɔ yɛn ho ban fi owuyare ne akwanhyia ahorow ho. (Mmebusɛm 23:20) Yehowa nkasa ntia asanom, nanso ɔmpɛ sɛ yɛnom tra so. (Dwom 104:15; 1 Korintofo 6:10) Onyankopɔn nnyinasosɛm boa yɛn ma yɛhwɛ yɛn nneyɛe ne yɛn nsusuwii yiye. (Dwom 119:97-100) Nanso, ɛnyɛ mfaso a nokware Kristofo benya nkutoo nti na wɔde Onyankopɔn gyinapɛn bɔ wɔn bra. Wɔyɛ saa de hyɛ Yehowa anuonyam.​—Kenkan Mateo 5:14-16.