Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Baabi a Wowɔ Biara Tie Yehowa Nne

Baabi a Wowɔ Biara Tie Yehowa Nne

“W’aso bɛte asɛm bi wɔ w’akyi sɛ: ‘Ɔkwan no ni.’”YES. 30:21.

1, 2. Ɔkwan bɛn na Yehowa fa so kasa kyerɛ ne nkoa?

EFI tete nyinaa Yehowa ma ne nkoa akwankyerɛ. Tete no, na ɔnam abɔfo so ne ne nkoa kasa. Ɛtɔ da nso a ɔnam anisoadehu anaa dae so ma wohu nneɛma a ebesi daakye anaa ɔde adwuma pɔtee bi hyɛ wɔn nsa. (Num. 7:89; Hes. 1:1; Dan. 2:19) Edu mmere bi nso a, Yehowa paw nnipa bi ma wogyina n’ananmu de akwankyerɛ ma. Ɔkwan biara a Yehowa faa so de akwankyerɛ maa ne nkoa no, wɔn a wɔyɛɛ aso tiei no nyaa n’anim dom.

2 Ɛnnɛ nso ɛ? Yehowa nam Bible, ne honhom kronkron, ne n’asafo no so kyerɛ ne nkoa kwan. (Aso. 9:31; 15:28; 2 Tim. 3:16, 17) Akwankyerɛ a ɔde ma yɛn no mu da hɔ fann, enti ɛtɔ da a, na akɔyɛ sɛ ɔno ankasa na ogyina yɛn akyi reka akyerɛ yɛn sɛ: “Ɔkwan no ni. Momfa so.” (Yes. 30:21) Yesu ne Kristofo asafo no Ti, na ɔnam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so ma yɛte Yehowa nne. (Mat. 24:45) Sɛ yɛn nsa ka akwankyerɛ bi a, ɛnsɛ sɛ yɛtoto n’ase koraa, efisɛ yebenya daa nkwa a, egyina osetie so.Heb. 5:9.

3. Dɛn na ɛma ɛyɛ den sɛ yebetie Yehowa akwankyerɛ? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

3 Satan Bonsam nim paa sɛ yehia Yehowa akwankyerɛ na yɛanya nkwa, enti ɔfa akwannuasa nyinaa so sɛ ɔbɛtwetwe yɛn adwene na yɛabu yɛn ani agu saa akwankyerɛ no  so. Bio nso yɛn ‘koma kontomponi’ no ma ɛyɛ den sɛ yebetie Yehowa wɔ biribiara mu. (Yer. 17:9) Ɛnde, momma yɛnhwɛ ɔkwan a yɛbɛfa so adi saa nneɛma no so na yɛate Yehowa nne wɔ biribiara mu. Afei yɛbɛhwɛ sɛnea yɛne Yehowa betumi adi nkitaho ne ɔkwan a ɛbɛboa yɛn ma yɛabɛn no daa.

MMA SATAN NNNYA WO

4. Dɛn na Satan yɛ de sɛe nkurɔfo adwene?

4 Satan nam atosɛm ne nnaadaasɛm so sɛe nkurɔfo adwene. (Monkenkan 1 Yohane 5:19.) Ɛnnɛ, atesɛm nkrataa, nhoma ne nsɛmma nhoma abu so wɔ wiase baabiara. Bio, baabi a wobɛfa biara radio, TV, ne Intanɛt wɔ hɔ. Ampa, nsɛm a wɔka no bi so wɔ mfaso, nanso emu dodow no ara ne Yehowa ahyɛde nhyia. (Yer. 2:13) Nhwɛso bi ni: Nsɛm a amanneɛbɔ nnwuma te sɛ radio, TV, ne Intanɛt ka no ama abɛyɛ sɛ mfomso biara nni ho sɛ ɔbarima ne ne yɔnko barima anaa ɔbea ne ne yɔnko bea bɛware. Eyi nti nnipa pii susuw sɛ nea Bible ka wɔ saa asɛm no ho no yɛ den dodo.1 Kor. 6:9, 10.

5. Dɛn na yɛbɛyɛ na Satan amfa ne nnaadaasɛm no annya yɛn?

5 Ɛnde, ɛbɛyɛ dɛn na obi a ɔdɔ Yehowa mmara akwati atosɛm a Satan de ahyeta wiase baabiara no? Ɛbɛyɛ dɛn na wahu nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne? Ɛno ara ne sɛ ‘ɔbɛhwɛ ne ho so sɛnea Onyankopɔn asɛm te.’ (Dw. 119:9) Onyankopɔn Asɛm Bible no boa yɛn ma yehu biribi a ɛyɛ nokwasɛm ne nea ɛyɛ atosɛm. (Mmeb. 23:23) Yesu ankasa de Onyankopɔn Asɛm yɛɛ adwuma, enti ɔkae sɛ: “Ɛnyɛ paanoo nkutoo so na onipa nam bɛtena ase, na mmom asɛm biara a efi Yehowa anom nso.” (Mat. 4:4) Nsɛm pii wɔ Bible mu, na sɛ yɛte ase yiye a, ɛbɛboa yɛn ma yɛahu sɛnea yɛde bɛbɔ yɛn bra. Yɛnyɛ nhwɛso baako: Ansa na Mose rekyerɛw sɛ Yehowa kyi awaresɛe no, na Yosef nim sɛ etia Onyankopɔn mmara sɛ ɔne Potifar yere bɛda. Bere a Potifar yere bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛdaadaa no no, amma ne tirim mpo sɛ ɔbɛyɛ biribi atia Yehowa. (Monkenkan Genesis 39:7-9.) Ɔbea no de asɛm no guan Yosef ho kyɛe, nanso otiee Yehowa sen ɔbea gyigyefo no. Ɛnnɛ nso, ɛho hia paa sɛ yetie Yehowa na yɛpo Satan nnaadaasɛm a ɔde puapua yɛn no.

6, 7. Sɛ yɛmpɛ sɛ Satan daadaa yɛn a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

6 Atoro nkyerɛkyerɛ a enni ti nni nan abu so wɔ wiase baabiara. Enti nnipa pii susuw sɛ, sɛ wobɔ wo ho mpem sɛ worepɛ nokware som ahu a, wo nsa besi fam. Nanso sɛ obi yɛ n’adwene sɛ obetie Yehowa asɛm a, ɛnyɛ den koraa sɛ obehu nokware no. Asɛm no ara ne sɛ, yɛn na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ nea yɛpɛ sɛ yetie no. Sɛ nnipa mmienu rekasa a, ɛbɛyɛ den sɛ wubetumi atie wɔn nyinaa bere koro mu. Enti sɛnea nguan nim wɔn wura nne no, saa ara na ɛsɛ sɛ yehu yɛn  wura Yesu a Onyankopɔn apaw no no nne na yetie no.Monkenkan Yohane 10:3-5.

7 Yesu kae sɛ: “Monyɛ aso ntie asɛm yi yiye.” (Mar. 4:24) Yehowa afotu mu da hɔ, asɛm biara nni ho. Nea aka ne sɛ yɛbɛbɔ yɛn adwene pɔw sɛ yebetie na yɛde ayɛ adwuma. Onyankopɔn dɔ yɛn, enti na otu yɛn fo. Nanso sɛ yɛamma yɛn ani anna hɔ a, yɛbɛpo saa afotu no akodi Satan nnaadaasɛm akyi. Enti si w’adwene pi sɛ woremma wiase nnwom ne sini, TV ne nhoma, wo mfɛfo adwumayɛfo anaa sukuufo, akyerɛkyerɛfo anaa wɔn a nkurɔfo frɛ wɔn animdefo no nnaadaa wo.Kol. 2:8.

8. (a) Ɔkwan bɛn so na yɛn koma betumi agyigye yɛn ma yɛatɔ Satan afiri mu? (b) Sɛ yehu sɛ yɛn gyidi reyɛ mmerɛw anaa akɔnnɔ bɔne bi regyigye yɛn na yɛanyɛ ho hwee a, den na ebetumi aba?

8 Satan nim nneɛma a yɛtɔ mu sin ne yɛn mmerɛwyɛ, na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔde eyi besum yɛn afiri. Sɛ Satan sum afiri a ɛte saa a, ɛnyɛ mmerɛw sɛ yebedi Yehowa nokware. (Yoh. 8:44-47) Wo deɛ yɛnhwɛ obi a ɔde ne ho ahyɛ anigyede mu fee na awiei koraa no wayɛ bɔne bi a wanna annwen ho da sɛ ɔbɛyɛ. (Rom. 7:15) Dɛn na ɛde eyi nyinaa bae? Ebia nkakrankakra ogyae mpaebɔ, n’asɛnka tɔɔ nsu mu, anaa ofii ase totoo adesua mu. Eyi nyinaa yɛ kɔkɔbɔ a ɛkyerɛ sɛ na ne koma regyigye no na ogyina baabi a ɛhɔ yɛ toro. Nanso ebia wanyɛ tebea no ho hwee, enti ewiee ase no na ɔnte Yehowa nne bio. Afei edidi mu saa akɔnnɔ bɔne hyɛɛ ne so ma ɔyɛɛ biribi a onim sɛ enye. Dɛn na ɛbɛboa yɛn na asiane a ɛte saa anto yɛn? Sɛ yehu sɛ ɔkwan bi so yɛn gyidi reyɛ ayɛ mmerɛw anaa akɔnnɔ bɔne regyigye yɛn a, ɛnsɛ sɛ yɛtenatena ho koraa; ɛsɛ sɛ yɛsɔ ano ntɛm. Ade baako nso ne sɛ, sɛ yetie Yehowa nne a, yɛrensosɔ awaefo so na yɛrentie wɔn nkyerɛkyerɛ koraa.Mmeb. 11:9.

9. Adɛn nti na mfaso wɔ so sɛ yebehu yɛn mmerɛwyɛ ntɛm?

9 Sɛ yare bi bɔ obi na ohu n’ani so ntɛm a, ebia obetumi asiw ano na ankum no. Yɛn nso sɛ yehu su bi a ebetumi atwetwe yɛn akɔ bɔne mu a, ɛsɛ sɛ yedi ho dwuma ntɛm na Satan ‘ankyere yɛn ma yɛanyɛ n’apɛde.’ (2 Tim. 2:26) Sɛ yehu sɛ yɛn nsusuwii anaa nneɛma a yɛn koma di akyi ne Yehowa apɛde nhyia a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase na yɛsan ba ne nkyɛn ntɛm betie n’afotu de bɔ yɛn bra. (Yes. 44:22) Ade baako a ɛsɛ sɛ ɛtena yɛn adwenem  ne sɛ, sɛ yesi gyinae bɔne bi na akyiri yi yɛsan ba Yehowa nkyɛn mpo a, ebia yɛbɛkɔ so atwa so aba wɔ wiase bɔne yi mu. Enti ne papa mu paa ne sɛ yɛbɛkwati mfomso a ɛte saa.

Woma w’ani ku wo som ho a, ɔkwan bɛn so na ɛbɛbɔ wo ho ban afi Satan mfiri ho? (Hwɛ nkyekyɛm 4-9)

KWATI AHANTAN NE ANIBERE

10, 11. (a) Dɛn na ɛbɛkyerɛ sɛ obi reyɛ ayɛ ahantan? (b) Dɛn na yesua fi Kora, Datan, ne Abiram subammɔne no mu?

10 Ɛsɛ sɛ yehu sɛ yɛn koma betumi adaadaa yɛn. Nokwasɛm ne sɛ yɛn mmerɛwyɛ betumi ama yɛadi mfomso kɛse. Yɛmfa ahantan ne anibere nyɛ nhwɛso. Saa su yi mu biara betumi asisi yɛn aso ma enti yɛrente Yehowa nne. Afei edidi mu saa ara na yɛaman afi trenee kwan so. Obi a ɔyɛ ahantan bu ne ho tra so. Ebia obesusuw sɛ nea ɔno ara pɛ na ɔbɛyɛ; ɛnyɛ obi na ɔbɛkyerɛ no nea ɔnyɛ. Ebia ɛbɛyɛ no sɛ ne nuanom Kristofo anaa asafo mu mpanyimfo anaa mpo Onyankopɔn ahyehyɛde no rentumi nkyerɛ no nea ɔnyɛ. Obi a ɔte saa deɛ, Yehowa kasa koraa a ɔnte.

11 Bere a Israelfo nam sare so no, Kora, Datan, ne Abiram tew Mose ne Aaron so atua. Na ahantan adonnɔn wɔn, na na wɔpɛ sɛ wɔsom Yehowa sɛnea wɔn ankasa pɛ. Dɛn na Yehowa yɛe wɔ ho? Okum atuatewfo no nyinaa. (Num. 26:8-10) Eyi yɛ kɔkɔbɔ ma yɛn! Sɛ yɛtew Yehowa so atua a, ebewie yɛn bɔne. Momma yɛnkae sɛ “ahantan di ɔsɛe anim.”Mmeb. 16:18; Yes. 13:11.

12, 13. (a) Ma nhwɛso fa kyerɛ asiane a ɛwɔ anibere mu. (b) Adɛn nti na sɛ yɛanhyɛ yɛn ho so a, anibere betumi adidi yɛn mu ntɛmntɛm?

12 Momma yɛnhwɛ anibere nso. Oniberefo susuw sɛ mmara biara nkyekyere no, enti ɔwɔ hokwan sɛ ɔfa kwan biara so nya nea ɔpɛ. Yɛmfa Elisa somfo Gehasi nyɛ nhwɛso. Ná Siria sraani panyin Naaman yare kwata, na bere a odiyifo Elisa saa no yare no, Naaman maa Elisa akyɛde pii nanso wannye. Gehasi deɛ, na n’ani bere nneɛma no. Enti ɔkae wɔ ne tirim sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase yi, metu mmirika atiw [Naaman] na makogye biribi ne nsam.” Afei ɔfaa Elisa akyi kɔɔ Naaman nkyɛn, na odii atoro gyee ‘dwetɛ dwetikɛse baako ne ntade mmienu.’ Gehasi anibere bɔne no kowiee no sɛn? Naaman kwata no baa ne so.2 Ahe. 5:20-27.

13 Anibere hyɛ ase nkakrankakra, enti sɛ yɛanhwɛ yiye a, ebetumi adidi yɛn mu ma akowie bɔne. Bible ma yehu eyi wɔ Akan ho. Yɛnhwɛ nea anibere de Akan kowiei. Ɔno ankasa kae sɛ: “Mihuu atade fɛfɛ bi a efi Sinar ne dwetɛ nnwetɛbona ahanu ne sika kɔkɔɔ a emu duru yɛ nnwetɛbona aduonum wɔ asade no mu, na na m’ani gye ho enti mefae.” Anka ɛsɛ sɛ Akan hyɛ ne ho so na oyi nsusuwii bɔne no fi ne tirim, nanso wanyɛ saa. Mmom okowiaa nneɛma no de kosiee ne ntamadan mu. Bere a Akan bɔne no bɛdaa adi no, Yosua ka kyerɛɛ no sɛ Yehowa bɛsɛe no. Enti saa da no ara, Israelfo siw Akan ne n’abusua abo. (Yos. 7:11, 21, 24, 25) Anibere yɛ afiri a ebetumi ayi obiara. Enti momma ‘yɛnhwɛ yiye wɔ anibere biara ho.’ (Luka 12:15) Ɛwɔ hɔ wɔ hɔ a, ebia yebenya akɔnnɔ bɔne anaa yebesusuw nneɛma bi a ɛmfata ho. Nanso ehia sɛ yɛfa yɛn nsusuwii dommum na ampiapia yɛn amma yɛankɔyɛ bɔne.Monkenkan Yakobo 1:14, 15.

14. Sɛ yehu sɛ ahantan ne anibere regyigye yɛn a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

14 Ahantan ne anibere nyinaa betumi awie yɛn bɔne. Enti nsusuwii bɔne bi ba yɛn adwenem a, ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ, ‘Meyɛ biribi a ɛmfata a, dɛn na ebefi mu aba?’ Yebisa yɛn ho saa a, ɛbɛma yɛn ani aba yɛn ho so na yɛakɔ so atie Yehowa nne. (Deut. 32:29) Yehowa ma yehu sɛ,  sɛ yɛyɛ adepa a, ebesi yɛn yiye, na yɛyɛ bɔne nso a, yebetwa so aba. Sɛ ahantan anaa anibere piapia yɛn koma kɔ bɔne so a, ɛbɛyɛ papa sɛ yesusuw ne nsunsuanso ho. Ɛsɛ sɛ yesusuw ho hwɛ sɛnea bɔne a ɛte saa bɛka yɛn, yɛn adɔfo, na ne kɛse koraa no, sɛnea ɛbɛka yɛne Yehowa adamfofa.

WO NE YEHOWA NNI NKITAHO DAA

15. Dɛn na yebetumi asua afi Yesu nhwɛso no mu?

15 Yehowa pɛ sɛ esi yɛn yiye. (Dw. 1:1-3) Enti ɔde akwankyerɛ a yehia ma yɛn bere a ɛsɛ mu. (Monkenkan Hebrifo 4:16.) Bere a Yesu wɔ asase so no, na ɔyɛ onipa a sintɔ biara nni ne ho nanso na ɔne Yehowa di nkitaho daa. Nokwasɛm ne sɛ wannyae mpaebɔ da. Yehowa boaa Yesu wɔ akwan pii so na ɔmaa no akwankyerɛ a ohia. Ɔsomaa abɔfo ma wɔsom Yesu, ɔde ne honhom kronkron taa n’akyi, na ɔboaa no ma ɔpaw asomafo 12 no. Yehowa kasa fii soro de kyerɛe sɛ ɔtaa Yesu akyi na ‘wagye no atom.’ (Mat. 3:17; 17:5; Mar. 1:12, 13; Luka 6:12, 13; Yoh. 12:28) Ɛsɛ sɛ yesuasua Yesu na yehwie yɛn komam asɛm gu Onyankopɔn anim. (Dw. 62:7, 8; Heb. 5:7) Mpaebɔ yɛ ɔkwan titiriw baako a yɛfa so ne Yehowa di nkitaho daa, na ɛboa yɛn ma yɛde yɛn abrabɔ hyɛ no anuonyam.

16. Ɔkwan bɛn so na Yehowa boa yɛn ma yɛte ne nne?

16 Yehowa de n’afotu ma yɛn kwa, nanso ɔnhyɛ yɛn sɛ yenni so. Ɛsɛ sɛ yɛsrɛ ne honhom kronkron na yenya awerɛhyem sɛ ɔremfa nkame yɛn; mmom ɔbɛma yɛn ma aboro so. (Monkenkan Luka 11:10-13.) Nanso ehia sɛ ‘yɛhwɛ sɛnea yetie asɛm yiye.’ (Luka 8:18) Yɛmfa no sɛ yɛasrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn na yɛamfa yɛn adwene ankɔ ɔbra bɔne so, nanso wobɛhwɛ na yɛrehwɛ ponografi anaa sini a ɔbrasɛe wom. Sɛ yɛyɛ saa a, na yɛyɛ nyaatwom. Nea ɛbɛboa yɛn ne sɛ yɛbɛkɔ baabi a Yehowa honhom wɔ anaa yɛbɛyɛ biribi a ɛbɛma yɛanya ne honhom. Yenim sɛ Yehowa honhom wɔ asafo nhyiam ase. Sɛ yɛkɔ asafo nhyiam a, yɛte Yehowa nne, na eyi na aboa Yehowa asomfo pii ma wɔakwati asiane. Sɛ wɔte Yehowa nne a, ɛboa wɔn ma wɔpɛɛpɛɛ wɔn mu na sɛ wohu sɛ akɔnnɔ bɔne bi reyi ne ti wɔn komam a, wɔyɛ ho biribi ntɛm.Dw. 73:12-17; 143:10.

KƆ SO YƐ ASO TIE YEHOWA NNE

17. Adɛn nti na asiane wom sɛ yɛde yɛn ho bɛto yɛn ho so?

17 Yɛmfa Israel hene Dawid nyɛ nhwɛso. Bere a ɔde ne ho too Yehowa so no, ɔde no yɛɛ nneɛma akɛse. Ɔyɛ aberantewa no, odii Filistini Goliat so nkonim. Akyiri yi ɔbɛyɛɛ ɔsraani ne ɔhene, na Yehowa nam no so bɔɔ Israel man no ho ban. Nokwasɛm ni, ɔno na na osisi gyinae ma ɔman no. Nanso bere a Dawid de ne ho too ne ho so no, ne koma daadaa no. Ɔne Bat-Seba yɛɛ bɔne a emu yɛ duru na ɔmaa wokum ne kunu Uria mpo. Bere a Yehowa teɛɛ Dawid so no, ɔbrɛɛ ne ho ase gyee ne mfomso toom, na ɔne Yehowa ntam san yɛɛ kama.Dw. 51:4, 6, 10, 11.

18. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so atie Yehowa nne?

18 Momma yentie afotusɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 10:12 na yɛannye yɛn ho anni dodo. Bible ka sɛ yennim ‘sɛnea yebetutu yɛn anammɔn’; obi na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ yɛn kwan. (Yer. 10:23) Enti sɛ yɛantie Yehowa a, Satan na yebetie no. Ɛnde, momma yɛnkɔ so mmɔ mpae na yɛmma honhom kronkron nkyerɛ yɛn kwan, na yentie Yehowa nne daa.